2 Samuel
16 Berɛ a Dawid twaam firii atifi+ hɔ kɔɔ kakra no, Mefiboset+ somfoɔ Siba+ bɛhyiaa no, na ɔde mfunumu+ mmienu a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsõsõ paanoo+ ahanu ne bobe taterɛ+ ɔha, ne ahuhuro berɛ mu aduaba a wɔabɔ no ntoantoa+ ɔha, ne bobesa+ ahina baako baeɛ. 2 Na ɔhene bisaa Siba sɛ: “Nneɛma a wode aba yi kyerɛ sɛn?”+ Ɛnna Siba kaa sɛ: “Mfunumu yi, ma wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ na wɔntenatena so, na paanoo ne ahuhuro berɛ mu nnuaba yi, ma mmeranteɛ+ no nni, na bobesa yi nso, ma wɔmfa mma deɛ wabrɛ+ ɛserɛ so+ no na ɔnnom.” 3 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Na wo wura ba no wɔ he?”+ Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Hwɛ, ɔte Yerusalem reka sɛ, ‘Ɛnnɛ Israel fie bɛsan adane me papa ahennie ama me.’”+ 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: “Hwɛ! Deɛ Mefiboset wɔ biara yɛ wo dea.”+ Ɔkaa saa no, Siba kaa sɛ: “Mekoto+ wo. Ma mennya w’anim adom, me wura ɔhene.”
5 Na Ɔhene Dawid baeɛ ara bɛduruu Bahurim,+ na hwɛ! ɔbarima bi a ɔfiri Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei,+ Gera ba no, firii adi firii hɔ baeɛ; ɔreba no nyinaa, na ɔredome no ba.+ 6 Ɔhyɛɛ aseɛ paa Dawid ne Ɔhene Dawid nkoa nyinaa aboɔ; ná nkurɔfoɔ no nyinaa ne nnɔmmarima no nyinaa wɔ ne benkum ne ne nifa. 7 Nsɛm a Simei kaeɛ berɛ a ɔredome no ne sɛ: “Firi hɔ kɔ, firi hɔ kɔ, ɔbarima mogyapɛfoɔ,+ nipahunu+ a ɔte sɛ woɔ! 8 Yehowa ama Saul a wobɛsii n’ananmu dii hene no fie mogya nyinaa abɛgu w’atifi, na Yehowa agye ahennie no de ahyɛ wo ba Absalom nsa. Hwɛ, woyɛ ɔbarima mogyapɛfoɔ nti na mmusuo aba wo soɔ no!”+
9 Ɛnna Seruia+ ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Adɛn nti na kraman+ funu yi redome me wura ɔhene?+ Mesrɛ wo, ma menkɔ nkɔte ne ti mfiri so.”+ 10 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ,+ Seruia mma?+ Momma no nnome+ me, ɛfiri sɛ Yehowa na aka akyerɛ no sɛ,+ ‘Dome Dawid!’ Enti hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, ‘Adɛn nti na woyɛɛ saa?’”+ 11 Na Dawid san ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa nyinaa sɛ: “Hwɛ! Me ara me ba a ɔfiri m’asene mu mpo repɛ me kra,+ na Benyaminni+ na ɔbɛyɛ dɛn! Monnyaa no na ɔnnome me, ɛfiri sɛ Yehowa na aka sɛ ɔnyɛ! 12 Ebia Yehowa ani bɛhunu,+ na Yehowa de papa bɛhyɛ ne nnome no anan ama me nnɛ.”+ 13 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no toaa wɔn akwantuo no soɔ; ná Simei nso nam bepɔ no fã nohoa, ne ntentensoɔ redome+ no, na ɔrekɔ nyinaa na ɔrepa no aboɔ, na ɔtoo mfuturo bebree peteeɛ.+
14 Nkakrankakra ɔhene ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa kɔduruiɛ, na na wɔabrɛ. Enti wɔhomee hɔ.+
15 Absalom deɛ, ɔne nnipa no nyinaa, Israel mmarima no, baa Yerusalem,+ na na Ahitofel+ ka ne ho. 16 Ɛbaa sɛ berɛ a Dawid yɔnko+ Husai,+ Arkini+ no, duruu Absalom nkyɛn no, ɛhɔ ara na Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ɔhene nnya nkwa!+ Ɔhene nnya nkwa!” 17 Ɛnna Absalom bisaa Husai sɛ: “Adɔeɛ a wopɛ sɛ woyɛ wo yɔnko nie? Adɛn nti na wo ne wo yɔnko no ankorɔ?”+ 18 Na Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Dabi, na deɛ Yehowa ne nkurɔfoɔ yi ne Israel mmarima nyinaa ayi no no, ɔno na mewɔ n’afã, na ɔno na me ne no bɛtena. 19 Mereka ne mprenu soɔ sɛ, hwan na mɛsom no? Ɛnyɛ ne ba anim na mɛsom? Sɛdeɛ mesom wo papa anim no, saa ara na mɛsom w’anim.”+
20 Akyire yi, Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: “Mmarima, montu me fo.+ Ɛdeɛn na yɛnyɛ?” 21 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Wo ne wo papa ayefam+ a ɔgyaa wɔn akyire sɛ wɔnhwɛ fie+ hɔ no nna. Israel nyinaa bɛte sɛ wo ho abɔn+ wo papa,+ na wɔn a wɔwɔ w’afã nyinaa bɛhyɛ wɔn nsam+ den.” 22 Enti wɔsii ntomadan wɔ dan atifi+ maa Absalom, na Absalom ne ne papa ayefam+ no daeɛ, Israel nyinaa anim.+
23 Nna no mu no, na Ahitofel afotuo te sɛ deɛ obi akɔ nokorɛ Nyankopɔn nkyɛn akɔbisa biribi. Saa na na Ahitofel+ afotuo+ nyinaa teɛ ma Dawid ne Absalom nyinaa.