2 Samuel
15 Nsɛm yi akyi no, Absalom maa wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na ɔnyaa apɔnkɔ ne mmarima aduonum a wɔtu mmirika di n’anim.+ 2 Ná Absalom sɔre anɔpahema+ kɔgyina kwan a ɛkɔ kuro pono ano+ no nkyɛn, na sɛ ɔbarima biara de n’asɛm reba ɔhene anim ama no abu no atɛn+ a, Absalom frɛ no bisa no sɛ: “Wofiri kuro bɛn so?” na ɔno nso ka sɛ: “Israel mmusuakuo no baako mu na w’akoa fire.” 3 Afei Absalom ka kyerɛ no sɛ: “Hwɛ, w’asɛm yɛ dɛ na ɛtene, nanso obiara nni ɔhene nkyɛn a ɔbɛtie w’asɛm ama wo.”+ 4 Na Absalom ka bio sɛ: “O sɛ me na wɔayi me asase yi so ɔtemmufoɔ+ ɛ, sɛ me na obiara a ɔwɔ asɛm a ɔpɛ sɛ wɔdi ma no reba m’anim ɛ! Anka atɛntenenee na mɛbu ama no.”+
5 Deɛ na ɔyɛ bio ne sɛ, obi kɔ ne nkyɛn sɛ ɔrekoto no a, ɔtene ne nsa sɔ ne mu+ na ɔfe n’ano. 6 Saa na Absalom yɛɛ Israelfoɔ a wɔbaa ɔhene anim sɛ ɔmmu atɛn mma wɔn no nyinaa. Absalom de saa ara wiaa Israel mmarima akoma.+
7 Ɛbaa sɛ mfeɛ aduanan akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ Hebron+ nkɔtua me bɔhyɛ adeɛ a mede hyɛɛ Yehowa bɔ no.+ 8 Berɛ a w’akoa te Gesur+ wɔ Siria no, mehyɛɛ bɔ+ sɛ, ‘Sɛ Yehowa san de me ba Yerusalem a, me nso mɛbɔ afɔdeɛ ama Yehowa.’”+ 9 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.”+ Enti ɔsɔre kɔɔ Hebron.
10 Afei Absalom somasomaa akwansrafoɔ+ kɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ: “Sɛ mote sɛ wɔahyɛne abɛn ara pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom abɛyɛ ɔhene+ wɔ Hebron!’”+ 11 Saa berɛ no, na wɔafrɛfrɛ mmarima ahanu afiri Yerusalem adi Absalom akyi kɔ, nanso na wɔnnim+ deɛ ɛrekɔ soɔ no ho hwee. 12 Afei nso, berɛ a Absalom bɔɔ afɔdeɛ no, ɔsoma kɔfrɛɛ Giloni+ Ahitofel,+ Dawid fotufoɔ+ no, firii ne kurom Gilo+ baeɛ. Atirisopam+ no mu kɔɔ so yɛɛ den, na nnipa a wɔbɛkaa Absalom ho no dɔɔso ara.+
13 Akyire yi, obi bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Israel mmarima akoma+ akɔdi Absalom akyi.” 14 Ntɛm ara na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Monsɔre mma yɛnnwane,+ anyɛ saa a, yɛrennya baabi mfa mfiri Absalom anim! Monka mo ho, na wanyɛ ntɛm ammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrantɛ ammɔ kuro yi!”+ 15 Ɛnna ɔhene nkoa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛdeɛ me wura ɔhene pɛ nyinaa, hwɛ, wo nkoa nie.”+ 16 Enti ɔhene kɔeɛ, na ne fiefoɔ nyinaa dii n’akyi.+ Ɔhene gyaa mmaa du a wɔyɛ ayefam+ sɛ wɔnhwɛ fie hɔ. 17 Ɛnna ɔhene siim kɔeɛ, na ne nkurɔfoɔ nyinaa dii n’akyi. Wɔkɔgyinaa Bet-Mehak.
18 Na ne nkoa nyinaa twaam faa ne nkyɛn; Keretifoɔ no nyinaa ne Peletifoɔ+ no nyinaa ne Gatfoɔ+ no nyinaa, mmarima ahansia a wɔdii n’akyi firii Gat+ baeɛ no, bɛtwaam ɔhene anim. 19 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai+ sɛ: “Adɛn nti na wo nso wo ne yɛn rekorɔ? San kɔ,+ na kɔtena ɔhene no nkyɛn, na woyɛ hɔhoɔ, na afei nso woatu afiri wo man mu. 20 Nnora na wobaeɛ, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛnnɛ mema wo ne yɛn kɔkyinkyini+ baabiara a mɛkorɔ? San w’akyi kɔ, wo ne wo nuanom. Yehowa ne wo nni no adɔeɛ+ ne nokorɛdie+ so!” 21 Nanso Itai buaa ɔhene sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ na me wura ɔhene nso te aseɛ yi,+ baabiara a me wura ɔhene bɛkorɔ no, owuo mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkorɔ!”+ 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ:+ “Twa kɔ.” Enti Gatni Itai twaeɛ, na ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa ne mmɔfra a wɔka ne ho no nyinaa dii n’akyi.
23 Na asase no sofoɔ nyinaa de nne kɛseɛ suiɛ,+ na nkurɔfoɔ no nyinaa twaam kɔeɛ, na ɔhene gyinaa Kidron subɔn+ no ho, na nkurɔfoɔ no nyinaa twa kɔfaa serɛ so kwan no so. 24 Ná Sadok+ ne Lewifoɔ+ a wɔsõ+ nokorɛ Nyankopɔn apam adaka+ no nyinaa ka wɔn ho, na wɔde nokorɛ Nyankopɔn adaka no sii hɔ, Abiatar+ nkyɛn, kɔsii sɛ nkurɔfoɔ no nyinaa firii kuro no mu twaeɛ. 25 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: “Fa nokorɛ Nyankopɔn adaka+ no san kɔ kuro+ no mu. Sɛ menya Yehowa anim adom a, ɔbɛsan de me aba na mabɛhunu adaka no ne ne sibea.+ 26 Na sɛ ɔka sɛ, ‘M’ani nnye wo ho’ nso a, menie, deɛ ɛtene n’ani soɔ biara, ma no mfa nyɛ me.”+ 27 Na ɔhene san ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ: “Wonyɛ ɔdehwɛfoɔ+ anaa? San kɔ kuro no mu asomdwoeɛ mu, wo ne wo ba Ahimahas ne Abiatar ba Yonatan,+ mo ne mo mma mmienu no nyinaa nkɔ. 28 Me deɛ, mɛtwentwɛn me nan ase wɔ serɛ so asutwareeɛ hɔ akɔsi sɛ mɛte asɛm bi afiri mo nkyɛn.”+ 29 Ɛnna Sadok ne Abiatar de nokorɛ Nyankopɔn adaka no san kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ twɛneeɛ.
30 Dawid foroo Ngo bepɔ+ no. Ɔreforo kɔ nyinaa na ɔde adeɛ akata ne ti resu; ná ɔnhyɛ mpaboa, na nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa nso, obiara akata ne ti,+ na wɔreforo kɔ nyinaa na wɔresu.+ 31 Na wɔbɛbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Ahitofel nso ka wɔn a wɔne Absalom+ apam+ no ho.” Ɛnna Dawid kaa sɛ:+ “O Yehowa,+ mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatuo nnane nkwaseasɛm!”+
32 Berɛ a Dawid duruu atifi hɔ, baabi a kane na wɔkoto Onyankopɔn no, hwɛ, Arkini+ Husai+ bɛhyiaa no wɔ hɔ a wasuane n’atadeɛ mu de dɔteɛ agu n’atifi.+ 33 Nanso Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ne me twa kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me.+ 34 Na sɛ wosan kɔ kuro no mu na woka kyerɛ Absalom sɛ, ‘O ɔhene, meyɛ w’akoa; kane no, na meyɛ wo papa akoa, nanso seesei deɛ, meyɛ w’akoa’+ a, wobɛtumi asɛe+ Ahitofel agyinatuo ama me. 35 Ɛnyɛ wo ne ɔsɔfoɔ Sadok ne ɔsɔfoɔ Abiatar na ɛwɔ hɔ anaa?+ Enti asɛm biara a wobɛte afiri ahemfie no, ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Sadok ne ɔsɔfoɔ Abiatar.+ 36 Hwɛ! Wɔn mma mmienu no ne wɔn wɔ hɔ, Sadok ba Ahimahas+ ne Abiatar ba Yonatan.+ Enti asɛm biara a mobɛteɛ no, momma wɔmmɛka nkyerɛ me.” 37 Ɛnna Dawid yɔnko+ Husai baa kuro no mu. Absalom+ nso baa Yerusalem.