Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
15 Nsɛm yi akyi no, Absalom maa wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na ɔnyaa apɔnkɔ ne mmarima 50 a wɔtu mmirika di n’anim.+ 2 Ná Absalom taa sɔre anɔpatutuutu kɔgyina kwankyɛn wɔ baabi a wɔfa kɔ kuro no pono ano no.+ Sɛ ɔbarima biara de n’asɛm reba ɔhene anim ama no abu atɛn a,+ Absalom frɛ no bisa no sɛ: “Wofiri kuro bɛn so?” na ɔno nso aka sɛ: “W’akoa firi Israel mmusuakuo no baako mu.” 3 Ɛba saa a, na Absalom aka akyerɛ no sɛ: “Hwɛ, w’asɛm yɛ dɛ na wodi bem, nanso obiara nni ɔhene nkyɛn a ɔbɛtie w’asɛm ama wo.” 4 Ná Absalom taa ka sɛ: “Sɛ me na wɔayi me ɔtemmufoɔ wɔ asaase no so a, anka hwɛ sɛdeɛ nneɛma bɛyɛ. Anka obiara a ɔwɔ asɛm a ɔpɛ sɛ wɔdi ma no no bɛba m’anim, na mahwɛ abu atɛntenenee ama no.”
5 Afei nso, sɛ obi bɛn Absalom bɛkoto no a, ɔtene ne nsa sɔ onii no mu na ɔfe n’ano.+ 6 Saa na Absalom yɛɛ Israelfoɔ a wɔbaa ɔhene anim sɛ ɔmmu atɛn mma wɔn no nyinaa. Absalom yɛɛ saa ara de wiaa Israel mmarima akoma.+
7 Mfeɛ nnan* akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ Hebron+ nkɔtua me bɔhyɛ adeɛ a mede hyɛɛ Yehowa bɔ no. 8 Berɛ a w’akoa te Gesur+ wɔ Siria no, mehyɛɛ bɔ+ sɛ, ‘Sɛ Yehowa san de me ba Yerusalem a, me nso mɛbɔ afɔreɛ ama* Yehowa.’” 9 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.” Enti ɔsɔre kɔɔ Hebron.
10 Afei Absalom somaa akwansrafoɔ* kɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ: “Sɛ mote sɛ wɔabɔ abɛn ara pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom abɛyɛ ɔhene wɔ Hebron!’”+ 11 Saa berɛ no, na wɔafrɛfrɛ mmarima 200 adi Absalom akyi afiri Yerusalem kɔ hɔ, nanso na wɔnnim deɛ ɛrekɔ so. 12 Afei nso, berɛ a Absalom bɔɔ afɔreɛ wieeɛ no, ɔsoma kɔfrɛɛ Dawid fotufoɔ+ Ahitofel+ a ɔyɛ Giloni+ no firii ne kurom Gilo baeɛ. Atirisopam* no mu trɛeɛ, na nnipa bebree bɛkaa Absalom ho.+
13 Akyire yi, obi bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Israel mmarima akoma akɔdi Absalom akyi.” 14 Ntɛm ara na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Monsɔre mma yɛnnwane,+ anyɛ saa na Absalom bɛto yɛn a, obiara remfa ne ho nni! Monka mo ho, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn pasaa, na wamfa sekan ankunkum kuro yi mufoɔ!”+ 15 Ɔhene nkoa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ yɛn wura ɔhene pɛ sɛ ne nkoa yɛ biara, yɛbɛyɛ.”+ 16 Enti ɔhene kɔe, na ne fiefoɔ nyinaa dii n’akyi. Ɔhene gyaa ne mpenafoɔ* du+ sɛ wɔnhwɛ fie* hɔ. 17 Ɛnna ɔhene ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa toaa wɔn akwantuo no so, na wɔkɔgyinaa Bet-Mehak.
18 Ne nkoa a wɔne no nam* nyinaa, ne Keretifoɔ, Peletifoɔ,+ ne Gatfoɔ+ no nyinaa, mmarima 600 a wɔdii n’akyi firii Gat+ baeɛ no, ɔhene hwɛɛ wɔn mu biara ansa na ɔrema watwam.* 19 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai+ sɛ: “Adɛn nti na wo nso wo ne yɛn rekɔ? San kɔ, na kɔtena ɔhene foforɔ no nkyɛn, ɛfiri sɛ woyɛ hɔhoɔ, na afei nso woadwane afiri wo man mu. 20 Nnora na wobaeɛ, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛnnɛ mema wo ne yɛn kɔkyinkyini baabiara a mɛkɔ? San w’akyi kɔ, wo ne wo nuanom. Ma Yehowa nna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi nkyerɛ wo na ɔnni wo nokorɛ!”+ 21 Nanso Itai buaa ɔhene sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, baabiara a me wura ɔhene bɛkɔ no, owuo mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkɔ!”+ 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai+ sɛ: “Twa subɔn no kɔ.” Enti Gatni Itai ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa ne mmɔfra no twaa subɔn no.
23 Berɛ a nkurɔfoɔ yi nyinaa retwa akɔ ɛfã nohoa no, na asaase no sofoɔ nyinaa resu dendeenden, na ɔhene gyinaa Kidron Bɔn+ no ho; nkurɔfoɔ no nyinaa twaam kɔfaa serɛ so kwan no so. 24 Ná Sadok+ ne Lewifoɔ+ a wɔso nokorɛ Nyankopɔn no apam adaka no+ nyinaa ka wɔn ho, na wɔde nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no sii hɔ; ná Abiatar+ nso di mu bi, na nkurɔfoɔ no nyinaa firii kuro no mu twaa subɔn no. 25 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: “Fa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no san kɔ kuro no mu.+ Sɛ menya Yehowa anim adom a, ɔbɛsan de me aba na wama mahu Adaka no ne ne siberɛ.+ 26 Nanso sɛ ɔka sɛ, ‘M’ani nnye wo ho’ nso a, ɛnneɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so biara, ma no mfa nyɛ me.” 27 Ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ: “Wonyɛ ɔdehwɛfoɔ+ anaa? Fa asomdwoeɛ san kɔ kuro no mu, wo ne mo mma mmienu no nkɔ, wo ara wo ba Ahimahas ne Abiatar ba Yonatan.+ 28 Me deɛ, mɛtwɛn wɔ baabi a wɔfa twa asubɔnten no wɔ serɛ so hɔ akɔsi sɛ mɛte asɛm bi afiri mo nkyɛn.”+ 29 Ɛnna Sadok ne Abiatar de nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no san kɔɔ Yerusalem, na wɔtwɛn wɔ hɔ.
30 Dawid foroo Ngodua Bepɔ*+ no. Ɔreforo kɔ nyinaa na ɔde adeɛ akata ne ti resu; ná ɔnhyɛ mpaboa, na nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa nso, na obiara akata ne ti, na wɔreforo kɔ nyinaa na wɔresu. 31 Afei wɔbɛbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Ahitofel nso akɔka Absalom nkurɔfoɔ no ho.”+ Ɛnna Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, ma Ahitofel afotuo* nnane nkwaseasɛm!”+
32 Berɛ a Dawid duruu bepɔ no atifi, faako a kane na wɔkoto Onyankopɔn no, Husai+ a ɔyɛ Arkini+ no bɛhyiaa no wɔ hɔ. Ɔbaeɛ no, na wasuan n’ataadeɛ mu de dɔteɛ agu ne tirim. 33 Nanso Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ne me kɔ a, ɛremmoa me. 34 Na mmom san kɔ kuro no mu na kɔka kyerɛ Absalom sɛ, ‘O ɔhene, meyɛ w’akoa; kane no, na meyɛ wo papa akoa, nanso seesei deɛ, meyɛ w’akoa.’+ Woyɛ saa a, wobɛtumi asɛe Ahitofel afotuo ama me.+ 35 Sɛ́ wo ne ɔsɔfoɔ Sadok ne ɔsɔfoɔ Abiatar na ɛwɔ hɔ? Asɛm biara a wobɛte afiri ahemfie no, ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Sadok ne ɔsɔfoɔ Abiatar.+ 36 Hwɛ! Wɔn mma mmienu no ne wɔn wɔ hɔ, Sadok ba Ahimahas+ ne Abiatar ba Yonatan.+ Enti asɛm biara a mobɛte no, monsoma wɔn na wɔmmɛka nkyerɛ me.” 37 Ɛnna Dawid adamfo Husai*+ kɔɔ kuro no mu; saa berɛ no ara nso na Absalom kɔduruu Yerusalem.