Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
14 Seruia ba Yoab+ huu sɛ ɔhene ani agyina Absalom.+ 2 Enti Yoab soma kɔɔ Tekoa+ kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi firii hɔ baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔfira awerɛhoɔ ntoma* na yɛ wo ho sɛ obi a ɔredi awerɛhoɔ; mfa ngo nsra,+ na yɛ wo ho sɛ ɔbaa a ɔde nna pii adi obi a wawuo ho awerɛhoɔ. 3 Afei kɔ ɔhene anim kɔka nsɛm yi kyerɛ no.” Ɛnna Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’ano.*
4 Tekoani baa no kɔɔ ɔhene anim kɔkoto de n’anim butuu fam, na ɔkaa sɛ: “O ɔhene, boa me!” 5 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Ɛyɛ dɛn asɛm?” Na ɔbaa no kaa sɛ: “Me kunu awu ama mayɛ okunafoɔ. 6 Ná w’afenaa wɔ mma mmarima mmienu, na wɔn mmienu no koo wɔ afuo mu. Ná obiara nni hɔ a ɔbɛpata wɔn, enti ɔbaako kum ne nua no. 7 Seesei abusuafoɔ no nyinaa asɔre aba w’afenaa so, na deɛ wɔreka ne sɛ, ‘Fa deɛ ɔkum ne nua no ma yɛn na ne nua a wakum no no nkwa* nti, yɛnkum ɔno nso.+ Sɛ ɛbɛma deɛ ɔdi adeɛ no din ayera mpo a, yɛbɛyɛ!’ Ogyasramma a aka ama me* no, wɔpɛ sɛ wɔdum no de pepa me kunu din ne n’aseni* firi asaase so.”
8 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Kɔ wo fie, na mɛka ama wɔadi w’asɛm no ho dwuma.” 9 Afei Tekoani baa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “O me wura ɔhene, ma me ne me papa fie mmom nsoa bɔne no, na ɔhene ne n’ahennwa nni bem.” 10 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Obiara kɔfa ɛho asɛm ba bio a, fa no bra m’anim, na ɔrenteetee wo bio.” 11 Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Ɔhene, mesrɛ wo, kae Yehowa wo Nyankopɔn, anyɛ saa a deɛ me ba no ayɛ nti, deɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔkum no tua ka* no+ bɛyi no afiri hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ wo ba no tiri nwi baako mpo rentɔ fam.” 12 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’afenaa nka asɛm bi nkyerɛ me wura ɔhene.” Na ɔkaa sɛ: “Kasa!”
13 Ɔbaa no kaa sɛ: “Adɛn nti na woanya adwene sɛ wobɛyɛ biribi saa atia Onyankopɔn nkurɔfoɔ?+ Ɔhene asɛm a waka no kyerɛ sɛ ɔno ara abu ne ho fɔ, ɛfiri sɛ ɔhene mmaa ɔno ara ne ba a wɔatwa no asu no nsan mmaeɛ.+ 14 Owuo deɛ, yɛbɛwu, na yɛbɛyɛ sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi nsesa bio. Nanso Onyankopɔn rennye obi nkwa* mfiri ne nsam, na mmom ɔhwehwɛ kwan a ɔbɛfa so de obi a wɔatwa no asu asan aba ne nkyɛn. 15 Deɛ enti a mebɛkaa asɛm yi kyerɛɛ me wura ɔhene ne sɛ, nkurɔfoɔ no maa ehu kaa me. Enti w’afenaa kaa sɛ, ‘Ma me ne ɔhene nkɔkasa ɛ. Ebia ɔhene bɛyɛ n’afenaa abisadeɛ no. 16 Ebia ɔhene bɛtie n’afenaa, na onipa a ɔrepɛ me atu me ne me ba koro pɛ no afiri agyapadeɛ a Onyankopɔn de ama yɛn so no, ɔbɛgye me afiri ne nsam.’+ 17 Enti w’afenaa kaa sɛ, ‘Ma me wura ɔhene anom asɛm mma me ahotɔ.’ Ɛfiri sɛ me wura ɔhene te sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ; ɔtumi hunu papa ne bɔne. Yehowa, wo Nyankopɔn nni w’akyi.”
18 Ɛnna ɔhene buaa ɔbaa no sɛ: “Mesrɛ wo, deɛ merebɛbisa wo yi, mfa biribiara nsie me.” Na ɔbaa no kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma me wura ɔhene nkasa.” 19 Afei ɔhene bisaa sɛ: “Yoab na ɔhyɛ wei nyinaa akyi anaa?”+ Ɛnna ɔbaa no buaa sɛ: “O me wura ɔhene, sɛ́ wote ase* yi, deɛ me wura ɔhene aka no yɛ nokorɛ.* W’akoa Yoab na ɔkyerɛɛ me deɛ menyɛ, na ɔno na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa ano. 20 W’akoa Yoab yɛɛ saa na ama woanya adwene foforɔ wɔ asɛm yi ho, nanso me wura nim nyansa te sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ, na ɔnim deɛ ɛrekɔ so wɔ asaase yi so baabiara.”
21 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Yoo, mɛdi asɛm no ho dwuma.+ San kɔfa aberanteɛ Absalom bra.”+ 22 Na Yoab koto de n’anim butuu fam, na ɔyii ɔhene ayɛ. Afei Yoab kaa sɛ: “O me wura ɔhene, ɛnnɛ na w’akoa ahu sɛ manya w’anim adom, ɛfiri sɛ ɔhene ayɛ n’akoa abisadeɛ ama no.” 23 Afei Yoab sɔre kɔɔ Gesur+ kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Ma no nkɔ ɔno ara ne fie, mma no mma m’anim.” Enti Absalom kɔɔ ne fie, na wamma ɔhene anim.
25 Israel nyinaa, na ɔbarima biara nni hɔ a n’ahoɔfɛ nti wɔkamfo no te sɛ Absalom. Ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam, na dɛm biara nni ne ho. 26 Afe biara kɔ n’awieeɛ a, na ɔyi ne tiri nwi, ɛfiri sɛ na emu yɛ no duru dodo. Sɛ ɔyi ne tiri nwi na ɔkari a, na emu duro yɛ nnwetɛbena 200,* sɛdeɛ na wɔbu nkariboɔ ano wɔ ahemfie no.* 27 Absalom woo mma mmarima mmiɛnsa+ ne ɔbabaa baako a wɔfrɛ no Tamar. Ná ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ yie.
28 Absalom tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu, nanso wanhu ɔhene anim.+ 29 Ɛnna Absalom too Yoab nkra sɛ ɔmmra na ɔnsoma no ɔhene nkyɛn, nanso Yoab amma. Ɔfrɛɛ no ne mprenu so, na ɛno nso wamma. 30 Afei ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Yoab asaase na ɛda me deɛ ho yi, na ɔwɔ baali* wɔ so. Momfa gya nkɔto mu.” Enti Absalom nkoa de gya kɔtoo afuo no mu. 31 Ɛnna Yoab sɔre kɔɔ Absalom fie, na ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nkoa de gya akɔto m’afuo no mu?” 32 Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! metoo wo nkra sɛ, ‘Bra na mensoma wo ɔhene nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ: “Adɛn nti na mefiri Gesur aba ha?+ Metenaa hɔ koraa a anka ɛyɛ. Enti afei ma menkɔ ɔhene anim, na sɛ bɔne na mayɛ a, ma no nku me.”’”
33 Enti Yoab kɔɔ ɔhene anim kɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene anim bɛkoto de n’anim butuu fam wɔ ɔhene anim. Ɛnna ɔhene fee Absalom ano.+