2 Samuel
14 Seruia ba+ Yoab+ hunuu sɛ ɔhene akoma wɔ Absalom so.+ 2 Enti Yoab soma kɔɔ Tekoa+ kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ+ bi firi hɔ baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔfira awerɛhoɔ ntoma na yɛ wo ho sɛ obi a ɔredi awerɛhoɔ; mfa ngo nsra,+ na yɛ sɛ ɔbaa a ɔde nna pii adi obi a wawuo ho awerɛhoɔ.+ 3 Afei bra ɔhene anim bɛka nsɛm yi kyerɛ no.” Ɛnna Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’anom.+
4 Na Tekoani baa no baa ɔhene anim bɛkoto de n’anim butuu fam,+ na ɔkaa sɛ: “O ɔhene, gye me!”+ 5 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na ato woɔ?” Na ɔbaa no kaa sɛ: “Me kunu awu, enti meyɛ ɔbaa kunafoɔ.+ 6 Ná w’afenaa wɔ mma mmarima mmienu. Wɔn mmienu no dii aperepereɛ wɔ afuo+ mu berɛ a ɔgyefoɔ+ bi nni hɔ a ɔbɛpata wɔn. Ɛbaa sɛ baako bɔɔ ne yɔnko hwee hɔ kum no. 7 Na hwɛ, abusuafoɔ no nyinaa asɔre aba w’afenaa so, na deɛ wɔreka ara ne sɛ, ‘Fa deɛ ɔkum ne nua no ma yɛn na ne nua a waku+ no no kra nti, yɛnku no,+ na yɛmpepa deɛ ɔdi adeɛ no mfiri hɔ!’ Enti wɔrebɛdum me nsramma a aka no de apepa me kunu din ne n’asefoɔ afiri asase so.”+
8 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Kɔ wo fie, na mɛhyɛ ama wɔadi w’asɛm no ho dwuma.”+ 9 Afei Tekoani baa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “O me wura ɔhene, ma asodie no mmra me ne me papa fie so+ na ɔhene ne n’ahennwa nni bem.” 10 Na ɔhene san kaa sɛ: “Sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ wo a, fa no brɛ me, na ɔrenyɛ wo bɔne bi bio.” 11 Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Ɔhene, mesrɛ wo, kae Yehowa wo Nyankopɔn,+ na mogya werɛtɔfoɔ+ no ankɔ so ansɛe adeɛ, na wɔanyi me ba no amfiri hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ wo ba no tiri nwi baako mpo+ rentɔ fam.” 12 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’afenaa+ nka asɛm+ bi nkyerɛ me wura ɔhene.” Na ɔkaa sɛ: “Kasa!”+
13 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Adɛn nti na woanya adwene a ɛntene saa+ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho?+ Sɛ́ ɔhene gu so rekasa yi, ɔte sɛ onipa a ɔdi fɔ+ no ara, ɛfiri sɛ ɔhene mmaa ne ho nipa a watwa no asuo no nsan mmaeɛ.+ 14 Owuo deɛ, yɛbɛwu,+ na yɛbɛyɛ sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi nsesa bio. Nanso Onyankopɔn renyi ɔkra bi mfiri hɔ,+ na wadwene deɛ ɛbɛyɛ a ɔde deɛ wɔatwa no asuo no bɛsan aba. 15 Na afei, deɛ enti a mebɛkaa asɛm yi kyerɛɛ me wura ɔhene ne sɛ, ɔman no maa mesuroeɛ. Enti w’afenaa kaa sɛ, ‘Ma me ne ɔhene nkɔkasa ɛ. Ebia ɔhene bɛyɛ deɛ n’afenaa bɛka no. 16 Ɔhene atie n’afenaa, na onipa a ɔrepɛ me asɛe me ne me ba korɔ no afiri agyapadeɛ a Onyankopɔn de ama yɛn ho no, ɔbɛgye me afiri ne nsam.’+ 17 Ɛno nti na w’afenaa kaa sɛ, ‘Ma me wura ɔhene anom asɛm mma me ɔhome.’ Ɛfiri sɛ me wura ɔhene te sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ,+ na ɔtumi hunu papa ne bɔne;+ Yehowa, wo Nyankopɔn nni w’akyi.”
18 Ɛnna ɔhene buaa ɔbaa no sɛ: “Mesrɛ wo, deɛ merebɛbisa woɔ yi, mfa biribiara nhunta me.”+ Na ɔbaa no kaa sɛ: “Ma me wura ɔhene nkasa.” 19 Na ɔhene bisaa sɛ: “Yoab+ nsa wɔ yei nyinaa mu anaa?”+ Ɛnna ɔbaa no buaa sɛ: “O me wura ɔhene, sɛ́ wo kra te aseɛ yi,+ deɛ me wura ɔhene aka nyinaa, obiara ntumi nnane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum; ɛyɛ w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anom.+ 20 W’akoa Yoab yɛɛ saa na ama asɛm yi adane, nanso me wura nyansa te sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ+ nyansa, na ɔnim asase so nsɛm nyinaa.”
21 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ, mɛyɛ saa.+ Enti kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom bra.”+ 22 Na Yoab koto de n’anim butuu fam, na ɔhyiraa ɔhene.+ Afei Yoab kaa sɛ: “O me wura ɔhene, ɛnnɛ na w’akoa ahunu sɛ manya w’anim adom,+ ɛfiri sɛ ɔhene ayɛ deɛ n’akoa aka no.” 23 Yoab kaa saa no, ɔsɔre siim kɔɔ Gesur+ kɔfaa Absalom baa Yerusalem.+ 24 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Ma no mfa n’ani nkyerɛ ɔno ara ne fie, na mma no mmmɛhunu m’anim.”+ Enti Absalom de n’ani kyerɛɛ ɔno ara ne fie, na wankɔhunu ɔhene anim.
25 Israel nyinaa, ná obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ+ na wɔkamfo no pii sɛ Absalom. Ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam, na dɛm biara nni ne ho. 26 Sɛ ɔyi ne tiri nwi na ɔkari a, emu duro yɛ nnwetɛbena ahanu, ahemfie nkariboɔ so—afe biara na ɔyi ne tiri nwi, ɛfiri sɛ na ɛyɛ no duru dodo.+ 27 Wɔwoo mma mmarima mmiɛnsa+ ne ɔbabaa baako a wɔfrɛ no Tamar maa Absalom. Ná ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ yie.+
28 Absalom kɔɔ so tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu, na wanhunu ɔhene anim.+ 29 Ɛnna Absalom somaa sɛ wɔnkɔfrɛ Yoab mmra na ɔnsoma no ɔhene nkyɛn, nanso wamma. Na ɔsan somaeɛ, ne mprenu soɔ, ɛno nso wamma. 30 Afei ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monhwɛ, Yoab asase da me deɛ ho, na ɔwɔ atokoɔ wɔ so. Monkɔ nkɔto mu gya.”+ Enti Absalom nkoa de egya kɔtoo asase no mu.+ 31 Ɛnna Yoab sɔre kɔɔ Absalom nkyɛn wɔ fie, na ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nkoa de gya akɔto m’asase no mu?” 32 Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! mesoma baa wo hɔ sɛ, ‘Bra na mensoma wo ɔhene nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ: “Adɛn nti na mefiri Gesur+ aba ha? Anka ɛyɛ ma me sɛ meda so te hɔ. Enti afei ma menhunu ɔhene anim, na sɛ bɔne bi wɔ me ho a,+ ma no nku me.”’”
33 Enti Yoab kɔɔ ɔhene anim kɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene anim bɛkoto de n’anim butuu fam ɔhene anim, na ɔhene fee Absalom ano.+