Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
13 Ná Dawid ba Absalom wɔ nuabaa hoɔfɛfoɔ bi a wɔfrɛ no Tamar,+ na na Dawid ba Amnon+ pɛ no. 2 Ná Amnon pɛ ne nuabaa Tamar ara maa no bɔɔ no yareɛ. Ná ɔyɛ ɔbaabunu, enti na ɛyɛ den ma Amnon sɛ ɔbɛnya no ayɛ no biribi. 3 Ná Amnon wɔ adamfoɔ bi a ne din de Yehonadab+ a ɔyɛ Dawid nua Simea+ ba; ná Yehonadab ani ate paa. 4 Enti ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na ɔhene ba paa, anɔpa biara na woaboto saa? Ka kyerɛ me ɛ? Ɛnna Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ Tamar, me nua Absalom nuabaa+ no.” 5 Yehonadab ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔda wo mpa so na patu yare. Sɛ wo papa bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nuabaa Tamar mmra na ɔmmɛma me aduane. Sɛ ɔyɛ ayarefoɔ aduane* na ɔde bɛsi m’anim a, mɛdi.’”
6 Enti Amnon kɔdaa hɔ yɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔyare, na ɔhene bɛhwɛɛ no. Afei Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me nuabaa Tamar mmra me nkyɛn mmɛyɛ keeki* mmienu na ɔmfa nsi m’anim mma menni.” 7 Ɛnna Dawid de nkra kɔmaa Tamar wɔ fie sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ wo nua Amnon fie na kɔyɛ aduane* ma no.” 8 Enti Tamar kɔɔ ne nua Amnon fie kɔtoo sɛ ɔda hɔ. Ɔfaa esiam a wɔafete de yɛɛ keeki wɔ n’anim. 9 Ɔwieeɛ no, ɔyiyii keeki no firii kyɛnsee no mu de bɛsii n’anim, nanso Amnon anni, na ɔkaa sɛ: “Obiara mfiri me nkyɛn mpue!” Ɛnna obiara firii ne nkyɛn pueeɛ.
10 Afei Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: “Fa aduane* no bra pia mu bɛsi m’anim na menni.” Enti Tamar de keeki a wayɛ no kɔmaa ne nua Amnon wɔ pia mu. 11 Berɛ a ɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔde aduane no rekɔma no no, ɛhɔ ara na ɔyeree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nuabaa, bra na me ne wo nna.” 12 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Daabi me nua! Mmrɛ me ase; ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Israel.+ Nyɛ aniwudeɛ saa.+ 13 Ɛhe na anka mede m’animguaseɛ bɛfa? Ɛba saa a, wɔbɛbu wo sɛ Israel mmarima a wɔnni adwene no bi. Enti mesrɛ wo, wo ne ɔhene nkasa, na ɔremfa me nkame wo.” 14 Nanso wammua no, na ɔde n’ahoɔden bunkam ne so too no mmonnaa brɛɛ no ase. 15 Ɛno akyi no, Amnon bɛnyaa ɔtan kɛseɛ maa no, na ɔtan a ɔtan no no yɛɛ kɛseɛ sene ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Enti Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre firi ha kɔ!” 16 Ɛnna ne nuabaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi me nua; pamo a worepamo me seesei no yɛ bɔne sene deɛ wode ayɛ me no!” Nanso wantie.
17 Ɛnna ɔfrɛɛ ne somfoɔ kumaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, pamo onipa yi firi m’ani so, na to pono no mu.” 18 (Saa berɛ no, na ɔhyɛ ataadeɛ soronko bi;* saa ataadeɛ no na na ɔhene mma mmaa a wɔyɛ mmaabunu no hyɛ.) Enti ɔsomfoɔ no maa ababaawa no pueeɛ, na ɔtoo pono no mu. 19 Ɛnna Tamar de nsõ guu ne tiri so,+ na ɔsuan n’ataadeɛ fɛfɛɛfɛ no mu; afei ɔrekɔ nyinaa na ne nsa gu ne ti a ɔresu.
20 Ɛnna ne nua Absalom+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua Amnon nkyɛn na na wowɔ anaa? Me nuabaa, wo deɛ, yɛ komm. Ɔyɛ wo nua.+ Mfa w’akoma nkɔ asɛm no so.” Enti Tamar tenaa ne nua Absalom fie, na wamma nnipa mu. 21 Berɛ a Ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa no, ne bo fuu paa.+ Nanso na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛbɛha ne ba Amnon, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no, na na ɔyɛ n’abakan. 22 Absalom nyaa ɔtan+ maa Amnon sɛ wabrɛ ne nuabaa Tamar ase, nanso Absalom yɛɛ komm; wanka asɛmmɔne anaa asɛmpa bi ankyerɛ Amnon.+
23 Mfeɛ mmienu akyi no, wɔn a wɔtwitwa Absalom nnwan ho nwi no kɔɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim,+ na Absalom frɛɛ ahenemma no nyinaa sɛ wɔmmra mmɛhyiam.+ 24 Afei Absalom kɔɔ ɔhene anim, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, w’akoa ama nkurɔfoɔ retwitwa ne nnwan ho nwi. Mesrɛ wo, ma ɔhene ne ne nkoa mmɛka w’akoa ho.” 25 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Daabi, me ba! Mesrɛ wo, mma yɛn nyinaa nnkɔ na yɛanyɛ adesoa amma wo.” Ɔsrɛɛ no ara, nanso wampene ne no ankɔ. Na mmom ɔhyiraa no. 26 Ɛnna Absalom kaa sɛ: “Sɛ worentumi nkɔ a, mesrɛ wo, ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ.”+ Na ɔhene bisaa no sɛ: “Adɛn nti na wopɛ sɛ ɔne wo kɔ?” 27 Nanso Absalom kae ara maa afei ɔmaa Amnon ne ɔhene mma mmarima no nyinaa ne no kɔeɛ.
28 Afei Absalom ka kyerɛɛ n’asomfoɔ no sɛ: “Momfa mo ani nto fam. Sɛ Amnon nom nsã ma n’akoma ani gye a, mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monku Amnon!’ Meka saa a, monku no. Monnsuro. Ɛnyɛ me na mekyerɛ mo deɛ monyɛ anaa? Monyɛ den na monnya akokoɔduro.” 29 Enti deɛ Absalom ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ wɔmfa nyɛ Amnon no, saa ara na wɔde yɛɛ no. Ɛnna ɔhene mma mmarima a aka no nyinaa sɔresɔreeɛ, na obiara tenaa n’afunumupɔnkɔ so dwaneeɛ. 30 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Absalom akunkum ɔhene mma mmarima no nyinaa na wɔn mu baako mpo anka.” 31 Ɛnna ɔhene sɔreeɛ, na ɔsuan n’ataadeɛ mu de ne ho too fam; ná ne nkoa nyinaa nso gyinagyina hɔ a wɔasunsuan wɔn ntaadeɛ mu.
32 Nanso Dawid nua Simea+ ba Yehonadab+ kaa sɛ: “Mma me wura nnnwene sɛ ɔhene mma mmeranteɛ no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na awuo.+ Absalom na ɔkaa sɛ wɔnku no, na ɛfiri da a Amnon brɛɛ ne nuabaa+ Tamar ase+ no na ɔbɔɔ no too hɔ.+ 33 Enti asɛm a nkurɔfoɔ rekeka sɛ, ‘Ɔhene mma mmarima no nyinaa awuwu’ no, mma me wura ɔhene mmfa nnyɛ asɛm.* Amnon nko ara na awuo.”
34 Saa berɛ no, na Absalom deɛ, wadwane.+ Akyire yi, ɔwɛmfoɔ no maa n’ani so hwɛɛ kwan a ɛda n’akyi no so, na ɔhuu sɛ nnipa bebree firi bepɔ so kwan no so reba. 35 Ɛnna Yehonadab+ ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Hwɛ, ahenemma no na wɔaba no. Sɛdeɛ w’akoa kaeɛ no, saa ara na ɛteɛ.” 36 N’ano sii ara pɛ na ahenemma no bɛduruu hɔ, na na wɔresu dendeenden. Ɔhene ne ne nkoa nyinaa nso suu paa. 37 Absalom deɛ, ɔdwane kɔɔ Gesur hene Amihud ba Talmai+ nkyɛn. Na Dawid suu ne ba no nna pii. 38 Berɛ a Absalom dwane kɔɔ Gesur+ no, ɔtenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa.
39 Afei deɛ, na Ɔhene Dawid ani agyina Absalom, ɛfiri sɛ na waka n’akoma ato ne yam* wɔ Amnon wuo no ho.