Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
12 Enti Yehowa somaa Natan+ kɔɔ Dawid nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mmarima mmienu tenaa kuro bi mu, baako yɛ osikani, na baako yɛ ohiani. 2 Ná sikani no wɔ nnwan ne anantwie bebree;+ 3 ohiani no deɛ, na ɔnni hwee sɛ odwan* ketewa baako a ɔtɔɔ no.+ Ɔyɛn no, na ɔne ohiani no mma mmarima boom nyinii. Aduane kakra a ohiani no wɔ no, ɔne no na ɛdiiɛ, na ɔnom ne kuruwa ano. Ɔdaa ne kokom, na ɔyɛɛ no sɛ ne babaa. 4 Akyire yi, sikani no nyaa ɔhɔhoɔ, nanso wamfa ne nnwan ne n’anantwie no bi ansom kwantuni a wabɛsra no no hɔhoɔ, na mmom ɔkɔfaa ohiani no dwan no kum no maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.”+
5 Ɛnna Dawid bo fuu ɔbarima no dendeenden, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no fata owuo! 6 Ɛsiane sɛ wayɛ saa adeɛ yi na wannya ahummɔborɔ nti, ɔde nnwan nnan bɛhyɛ ananmu.”+
7 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wone ɔbarima no! Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Me na mesraa wo de wo sii Israel so hene,+ na me na megyee wo firii Saul nsam.+ 8 Mede wo wura fie maa wo,+ na mede wo wura yerenom+ nso guu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fie maa wo.+ Ɛno da nkyɛn a, na mepɛ sɛ meyɛ nneɛma bebree nso ma wo.+ 9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtia ayɛ n’ani so bɔne yi? Wode sekan akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfoɔ sekan na wode kum no.+ 10 Ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hitini Uria yere aware no nti, sekan rempa wo fie da.’+ 11 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛma mmusuo aba wo so, na wo fie na ɛbɛfiri aba.+ Mede wo yerenom bɛma wo yɔnko barima,+ na wode w’ani bɛhu; ɔne wo yerenom bɛdeda awia ketee.+ 12 Esum mu na woyɛɛ wo deɛ,+ na me deɛ, mɛyɛ no awia ketee ama Israel nyinaa ahu.’”
13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”+ Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.+ Worenwu.+ 14 Nanso ɛsiane sɛ woayɛ wei de abu Yehowa animtia nti, wo ba a wɔawo no foforɔ no, deɛ ɛbɛyɛ biara ɔbɛwu.”
15 Ɛnna Natan siim kɔɔ ne fie.
Na Yehowa maa abɔfra a Dawid ne Uria yere woo no no yareeɛ. 16 Dawid bɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no mpaeɛ srɛ maa abɔfra no, na Dawid yɛɛ akɔnkyene,* na ɛduru anadwo a na wakɔ dan mu akɔda fam.+ 17 Enti ne fie mpanimfoɔ kɔgyinaa ne nkyɛn sɛ wɔrema ne so afiri fam, nanso wampene, na ɔne wɔn annidi nso. 18 Da a ɛtɔ so nson no, abɔfra no wui, nanso na Dawid nkoa no suro sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu. Wɔkaa sɛ: “Berɛ a abɔfra no te ase a yɛne no kasaeɛ no, wantie yɛn. Enti yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ, ‘Abɔfra no awu’? Anhwɛ a deɛ ɔbɛyɛ nyɛ koraa.”
19 Berɛ a Dawid huu sɛ ne nkoa no reyɛ huhuhuhu no, Dawid huu sɛ abɔfra no awu. Enti Dawid bisaa ne nkoa no sɛ: “Abɔfra no awu anaa?” Na wɔbuaa sɛ: “Wawu.” 20 Afei Dawid sɔre firii fam, na ɔdware de ngo sraeɛ,+ ɛnna ɔsesãã n’ataadeɛ kɔɔ Yehowa fie+ hɔ kɔsomeeɛ. Ɛno akyi no, ɔbaa ne fie,* na ɔmaa wɔde aduane bɛsii n’anim, na ɔdiiɛ. 21 Ne nkoa no bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Abɔfra no te ase no, woyɛɛ akɔnkyene na wosuiɛ. Nanso abɔfra no wuiɛ ara pɛ, woasɔre adidi.” 22 Na ɔkaa sɛ: “Abɔfra no te ase no, meyɛɛ akɔnkyene,+ na mesuiɛ ɛfiri sɛ mekaa sɛ, ‘Hwan na ɔnim sɛ ebia Yehowa bɛdom me ama abɔfra no anya nkwa?’+ 23 Seesei a wawu yi, mereyɛ akɔnkyene ayɛ dɛn? Mɛtumi de no aba nkwa mu bio anaa?+ Mɛwu akɔka ne ho,+ na ɔno deɛ, ɔrensan mma me nkyɛn.”+
24 Na Dawid kyekyee ne yere Bat-Seba+ werɛ. Afei ɔkɔɔ ne nkyɛn ne no kɔdaeɛ, na ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo ne din Solomon,*+ na na Yehowa dɔ no.+ 25 Na ɔsomaa odiyifoɔ Natan+ maa no kɔtoo ne din Yedidia,* ɛfiri sɛ na Yehowa dɔ no.
26 Yoab ne Ammonfoɔ+ a wɔwɔ Raba+ no koe, na ɔgyee ahenkuro no.+ 27 Ɛnna Yoab somaa abɔfoɔ baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ: “Me ne Raba ako,+ na magye nsuo kuro no.* 28 Enti afei boaboa asraafoɔ a aka no ano bɛtwa kuro no ho hyia na di so nkonim. Anyɛ saa na sɛ medi kuro no so nkonim a, me na mɛnya ɛho animuonyam no.”*
29 Enti Dawid boaboaa asraafoɔ no nyinaa ano ne Raba kɔkoeɛ na ɔdii so nkonim. 30 Ɛnna ɔyii Malkam abotire firii ne ti; ná emu duro yɛ sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ* baako, na na aboɔden aboɔ nso hyehyɛ mu, na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Ɔsesaa nneɛma pii+ nso firii kuro no mu.+ 31 Ɔde emu nnipa nso bae, na ɔmaa wɔpaee aboɔ, na wɔde nnadeɛ a ano yɛ nnam ne akuma yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ birikisi nso. Saa na ɔyɛɛ Ammonfoɔ nkuro nyinaa. Afei Dawid ne asraafoɔdɔm no nyinaa san baa Yerusalem.