14 “Manase ba Yair+ faa Argob asaase+ no nyinaa bɛsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ+ hyeɛ so. Na ɔde ne din too Basan nkuraa a ɛwowɔ hɔ no so, na wɔafrɛ hɔ Hawot-Yair*+ abɛsi nnɛ.
4 Wɔsan faa Basan hene Og asaase.+ Refaimfoɔ a na wɔaka no, na ɔka ho,+ na ɔtenaa Astarot ne Edrei. 5 Ɔdii hene wɔ Hermon Bepɔ so ne Saleka ne Basan+ nyinaa de kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ+ hyeɛ so ne Gilead fã kɔpem Hesbon hene Sihon asaase so.+