Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
16 Berɛ a Dawid twaam wɔ bepɔ no atifi+ hɔ kɔɔ n’anim kakra no, Mefiboset+ somfoɔ Siba+ de mfunumu mmienu bɛhyiaa no. Ná wɔsoso paanoo 200, bobe keeki 100, borɔdɔma ne nkyiresia* keeki 100, ne bobesa ahina kɛseɛ ma.+ 2 Ɛnna ɔhene bisaa Siba sɛ: “Adɛn nti na wode nneɛma yi aba?” Siba kaa sɛ: “Mfunumu yi, ma wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ ntenatena so, na paanoo ne nnuaba yi, ma mmeranteɛ no nni, na bobesa yi nso, ma wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ wɔ serɛ so na wɔnnom.”+ 3 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Wo wura ba* no wɔ he?”+ Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔte Yerusalem reka sɛ, ‘Ɛnnɛ Israel fie bɛsan adane me papa ahennie ama me.’”+ 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: “Hwɛ! Deɛ Mefiboset wɔ nyinaa yɛ wo dea.”+ Siba nso kaa sɛ: “Mekoto wo. Me wura ɔhene, ma mennya w’anim adom.”+
5 Berɛ a Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei+ a ɔyɛ Gera ba pue baeɛ; ɔreba nyinaa, na ɔredome no.+ 6 Ɔtotoo aboɔ boroo Ɔhene Dawid ne ne nkoa nyinaa, ne nkurɔfoɔ no nyinaa, ne akatakyie a wɔwɔ Dawid benkum ne ne nifa so no. 7 Berɛ a Simei redome no no, deɛ ɔkaeɛ ne sɛ: “Firi hɔ kɔ, firi hɔ kɔ, ɔbarima wudini!* Onipahunu a ɔte sɛ wo! 8 Yehowa ama Saul a wobɛsii n’ananmu dii hene no fie mogya nyinaa abɛgu wo tiri so, na Yehowa agye ahennie no de ahyɛ wo ba Absalom nsa. Woyɛ ɔbarima wudini* nti na seesei mmusuo aba wo so no!”+
9 Ɛnna Seruia ba Abisai+ ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ kraman funu yi+ dome me wura ɔhene?+ Mesrɛ wo, ma menkɔtwa ne ti mfiri so.”+ 10 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ?+ Momma no nnome me,+ ɛfiri sɛ Yehowa aka akyerɛ no sɛ,+ ‘Dome Dawid!’ Enti hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, ‘Adɛn nti na woreyɛ saa?’” 11 Afei Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa nyinaa sɛ: “Hwɛ! Me ara me ba a mawo no mpo repɛ me aku me,*+ na kampɛsɛ Benyaminni!+ Monnyaa no na ɔnnome me, ɛfiri sɛ Yehowa aka sɛ ɔnyɛ saa! 12 Ebia Yehowa bɛhu m’amanehunu,+ na nnome a ɔde adome me nnɛ yi, Yehowa de papa bɛhyɛ ananmu ama me.”+ 13 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no toaa wɔn akwantuo no so; ná Simei nso nam bepɔ no fã nohoa redome no,+ na ɔrekɔ nyinaa na ɔretoto aboɔ boro wɔn, na na ɔresesa mfuturo bebree gu wɔn so.
14 Nkakrankakra ɔhene ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa kɔduruu baabi a wɔrekɔ no, na na wɔabrɛ, enti wɔgyee wɔn ahome.
15 Absalom deɛ, ɔne Israel mmarima nyinaa kɔduruu Yerusalem, na na Ahitofel+ ka ne ho. 16 Berɛ a Dawid adamfo Husai+ a ɔyɛ Arkini*+ no duruu Absalom nkyɛn no, Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!+ Ɔhene, nya nkwa daa!” 17 Ɛnna Absalom bisaa Husai sɛ: “Enti wei na woreyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ma w’adamfo? Adɛn nti na wo ne w’adamfo ankɔ?” 18 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Daabi, deɛ Yehowa ne nkurɔfoɔ yi ne Israel mmarima nyinaa ayi no no, ɔno na mewɔ n’afã, na ɔno na me ne no bɛtena. 19 Meresi so bio sɛ, Hwan na mensom no? Ɛnyɛ ne ba na mɛsom no? Sɛdeɛ mesom wo papa no, saa ara na mɛsom wo.”+
20 Afei Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: “Tu me fo.+ Ɛdeɛn na yɛnyɛ?” 21 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Wo ne wo papa mpenafoɔ* a ɔgyaa wɔn akyire sɛ wɔnhwɛ fie* hɔ+ no nna.+ Ɛba saa a, Israelfoɔ nyinaa bɛte sɛ wo ho abɔn wo papa, na ɛbɛma wɔn a wɔwɔ w’afã anya ahoɔden.” 22 Enti wɔsii ntomadan wɔ dan atifi+ maa Absalom, na Absalom ne ne papa mpenafoɔ no daa+ wɔ Israel nyinaa anim.+
23 Saa berɛ no, na wɔbu Ahitofel+ afotuo te sɛ nokorɛ Nyankopɔn no anom asɛm.* Saa na na Dawid ne Absalom bu Ahitofel afotuo nyinaa.