Dwom 25:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yehowa atempɔn nyinaa yɛ adɔeɛ ne nokorɛMa wɔn a wɔdi n’apam+ ne ne nkaesɛm+ soɔ. Dwom 57:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me.+Ɔbɛma deɛ ɔrepɛ me amene me no adwene atu afra.+ Sela.Onyankopɔn bɛsoma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ.+ Dwom 61:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔbɛtena Onyankopɔn anim afebɔɔ;+O ma adɔeɛ ne nokorɛ mmɔ ne ho ban.+ Dwom 85:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Adɔeɛ ne nokorɛ ahyia;+Tenenee ne asomdwoeɛ nso, wɔadi mfeano.+ Dwom 89:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Tenenee ne atemmuo yɛ w’ahennwa nnyinasoɔ;+Adɔeɛ ne nokorɛ wɔ w’anim.+
3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me.+Ɔbɛma deɛ ɔrepɛ me amene me no adwene atu afra.+ Sela.Onyankopɔn bɛsoma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ.+