Dwom 40:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 O Yehowa, mfa wo mmɔborɔhunu nkame me.+Ma w’adɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa nyinaa.+ Dwom 57:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me.+Ɔbɛma deɛ ɔrepɛ me amene me no adwene atu afra.+ Sela.Onyankopɔn bɛsoma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ.+ Dwom 143:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 W’adɔeɛ nti, ma m’atamfo nyɛ komm;+Sɛe wɔn a wɔtan me kra nyinaa,+Ɛfiri sɛ meyɛ w’akoa.+ Mmebusɛm 20:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Adɔeɛ ne nokorɛ—ɛbɔ ɔhene ho ban;+ na adɔeɛ so na n’ahennwa tim.+ Mika 7:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Wobɛda wo nokorɛdie adi akyerɛ Yakob na woada w’adɔeɛ adi akyerɛ Abraham sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi teteete no.+
3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me.+Ɔbɛma deɛ ɔrepɛ me amene me no adwene atu afra.+ Sela.Onyankopɔn bɛsoma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ.+
20 Wobɛda wo nokorɛdie adi akyerɛ Yakob na woada w’adɔeɛ adi akyerɛ Abraham sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi teteete no.+