24 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne ataadeɛ ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan ne ne ntomadan ne biribiara a ɔwɔ kɔɔ Akor Bɔn mu.*+
26 Na wɔsoaa aboɔ guu ne so maa ɛyɛɛ esie kɛseɛ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. Afei Yehowa bo dwoe.+ Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Akor* Bɔn, na wɔfrɛ hɔ saa de bɛsi nnɛ.
29 Na ɔde Ai hene no sɛn dua so kɔsii anwummerɛ, na berɛ a awia rekɔtɔ no, Yosua kaa sɛ wɔnyi ne funu mfiri dua no so.+ Wɔde kɔtoo kuro no pono ano, na wɔsoaa aboɔ pii guu ne so maa ɛyɛɛ esie kɛseɛ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
27 Berɛ a awia kɔtɔeɛ no, Yosua ka maa wɔkɔyii wɔn firii nnua no so,+ na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔdwane kɔhyɛɛ mu no mu. Na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi.