2 Samuel
19 Akyire yi, wɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! Ɔhene resu, na ɔredi Absalom ho awerɛhoɔ.”+ 2 Enti nkonim a wɔdii no saa da no danee nnipa no nyinaa awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ da no, nnipa no tee sɛ wɔrekeka sɛ: “Ɔhene redi ne ba no ho yea.” 3 Na nnipa no wiawiaa wɔn ho baa kuro no mu+ saa da no, sɛdeɛ nnipa a wɔdwane ɛko mu de aniwuo wiawia wɔn ho korɔ no. 4 Na ɔhene deɛ, na wakata n’anim, na ɔhene kɔɔ so de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Me ba Absalom! Absalom, me ba yi, me ba yi!”+
5 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn wɔ fie hɔ bɛkaa sɛ: “Wo nkoa a wɔagye wo kra+ ne wo mma mmarima+ ne wo mma mmaa+ kra ne wo yerenom+ kra ne w’ayefam+ kra no, ɛnnɛ woahyɛ wɔn nyinaa aniwuo, 6 ɛfiri sɛ woadɔ w’atamfo na woatan w’adɔfo. Ɛnnɛ woakyerɛ sɛ asahene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; ɛnnɛ na mahunu sɛ, sɛ Absalom te nkwa mu na yɛn a yɛaka nyinaa awuwu nnɛ a, anka ɛyɛ wɔ w’ani so. 7 Na afei sɔre firi adi, na kɔka asɛm bi kyerɛ wo nkoa fa dwodwo wɔn bo,+ ɛfiri sɛ meka Yehowa ntam sɛ, sɛ woamfiri adi a, obiara rentena wo ho anadwo yi,+ na anka ɛbɛkyɛn bɔne a aba wo soɔ firi wo mmeranteberɛ mu de abɛduru sɛsɛɛ no nyinaa.” 8 Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa kuro pono+ no mu, na wɔkɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ: “Ɔhene abɛtena kuro pono no mu.” Na nkurɔfoɔ no nyinaa baa ɔhene anim.
Na Israel deɛ, na wɔadwane ama obiara kɔ ne fie.+ 9 Na nnipa no nyinaa ne wɔn ho hamee Israel mmusuakuo nyinaa mu, na wɔkaa sɛ: “Ɔhene na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfo nsam,+ na ɔno ara nso na ɔyii yɛn firii Filistifoɔ nsam; seesei Absalom nti wadwane afiri asase yi so.+ 10 Na Absalom nso a yɛsraa no sii yɛn soɔ+ no, wawu ɛko no mu.+ Enti afei adɛn nti na monkɔfaa ɔhene nsan mmaeɛ?”+
11 Na Ɔhene Dawid soma kɔɔ ɔsɔfoɔ Sadok+ ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ hɔ sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ+ sɛ, ‘Adɛn nti na moretwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fie, berɛ a Israel nyinaa de nkra abrɛ ɔhene baabi a ɔwɔ? 12 Me nuanom ne mo; me nnompe ne me honam ne mo.+ Na adɛn nti na moretwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akorɔ?’ 13 Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ,+ ‘Ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Sɛ woammɛyɛ ɔsahene ansi Yoab anan wɔ m’anim daa+ a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.’”+
14 Na ɔmaa Yuda mmarima nyinaa akoma dane baa sɛ onipa baako,+ enti wɔsoma kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo ne wo nkoa nyinaa, monsan mmra.”
15 Na ɔhene san baeɛ ara bɛduruu Yordan ho. Yuda nso kɔɔ Gilgal+ sɛ wɔrekɔhyia ɔhene na wɔde ɔhene atwa Yordan. 16 Ɛnna Benyaminni Gera+ ba Simei+ a ɔfiri Bahurim+ no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Ɔhene Dawid. 17 Ɔrekɔ no, Benyaminfoɔ mmarima apem kaa ne ho kɔeɛ. (Ná Saul fie akoa Siba+ ne ne mma dunum+ ne ne nkoa aduonu nso ka ne ho, na wɔkɔtwaa Yordan kɔeɛ ansa na ɔhene reba. 18 Na ɔtwaa asutwareeɛ+ no sɛ ɔrekɔfa ɔhene fiefoɔ de wɔn atwa nsuo no na wayɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.) Na Gera ba Simei bɛkotoo ɔhene anim berɛ a ɔrebɛtwa Yordan no.+ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mma me wura mmmu me fɔ, na nkae bɔne a w’akoa yɛɛ wo+ da a me wura ɔhene firii Yerusalem kɔeɛ no, na mma ɔhene mmfa nnhyɛ n’akomam.+ 20 W’akoa nim sɛ me na mayɛ bɔne, enti na ɛnnɛ madi Yosef fie+ nyinaa kan abɛhyia me wura ɔhene yi.”
21 Ɛhɔ ara na Seruia+ ba Abisai+ kaa sɛ: “Deɛ Simei yɛeɛ no, ɛnyɛ wuo na ɛfata no, sɛ́ wadome deɛ Yehowa asra no yi?”+ 22 Nanso Dawid kaa sɛ: “Mo Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ+ a moasɔre atia+ me nnɛ yi? Ɛnnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ wɔkum obi wɔ Israel anaa?+ Mennim sɛ ɛnnɛ da yi medi hene wɔ Israel anaa?” 23 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: “Worenwu.” Na ɔhene kaa ntam kyerɛɛ no.+
24 Saul banana Mefiboset+ bɛhyiaa ɔhene. Ɔno deɛ, ɛfiri da a ɔhene kɔeɛ bɛsi da a ɔbaa asomdwoeɛ mu no, na ɔnhohoroo ne nan ho mmubuu ne mmɔwerɛ,+ na ɔntwitwaa ne mfemfem+ na ɔnsii ne ntadeɛ. 25 Berɛ a ɔbaa Yerusalem bɛhyiaa ɔhene no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankorɔ?” 26 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Me wura ɔhene, me somfoɔ+ no na ɔdaadaa me. W’akoa kaa sɛ, ‘Ma menhyehyɛ afunumu na mentena so ne ɔhene nkɔ,’ ɛfiri sɛ w’akoa yɛ bubuafoɔ.+ 27 Enti ɔbɛsɛee w’akoa din+ kyerɛɛ me wura. Nanso me wura ɔhene te sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ,+ enti yɛ deɛ ɛyɛ w’ani soɔ. 28 Anka me papa fie nyinaa nsɛ hwee sɛ owuo wɔ me wura ɔhene anim, nanso wode w’akoa aka wɔn a wɔdidi wo pono soɔ+ no ho. Enti hokwan bɛn na mewɔ bio mpo sɛ mɛsan asu+ akyerɛ ɔhene?”
29 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woda so ara ka wo nsɛm yi? M’asɛm ne sɛ, wo ne Siba nkyɛ asase no.”+ 30 Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Seesei a me wura ɔhene asan aba ne fie asomdwoeɛ mu yi, ma no mfa ne nyinaa mpo.”+
31 Na Gileadni Basilai+ siane firii Rogelim baa sɛ ɔrebɛsene ne ɔhene akɔ Yordan ho na wakɔgya no Yordan ho. 32 Ná Basilai anyini yie, na wadi mfeɛ aduɔwɔtwe;+ ɔno na ɔmaa ɔhene aduane berɛ a ɔte Mahanaim no;+ ná ɔyɛ onipa kɛseɛ paa.+ 33 Enti ɔhene ka kyerɛɛ Basilai sɛ: “Wo ne me ntwa nkɔ, na mɛma wo aduane me nkyɛn wɔ Yerusalem.”+ 34 Nanso Basilai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Me nkwa nna a aka yɛ sɛn na me ne ɔhene akɔ Yerusalem? 35 Madi mfeɛ aduɔwɔtwe nnɛ.+ Mɛhunu papa ne bɔne mu? W’akoa bɛte deɛ medie ne deɛ menom dɛ?+ Anaa mɛte+ mmarima ne mmaa nnwontofoɔ nne bio?+ Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa bɛyɛ adesoa+ bio ma me wura ɔhene? 36 Ɛkwan kakra bi na w’akoa ne ɔhene atwa abɛduru Yordan ho, na adɛn nti na ɔhene de adeɛ a ɛte sei retua me ka?+ 37 Mesrɛ wo, ma w’akoa nsan na ma menwu+ me kurom, me papa ne me maame asieeɛ+ nkyɛn. Hwɛ, w’akoa Kimham+ nie. Ma no ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ ma no.”
38 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Kimham ne me bɛtwa akɔ, na mɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ ama no; deɛ wopɛ sɛ meyɛ biara mɛyɛ ama wo.” 39 Nnipa no nyinaa firii aseɛ twaa Yordan, na ɔhene nso twaeɛ; Basilai deɛ, ɔhene fee n’ano,+ na ɔhyiraa+ no maa no san n’akyi kɔɔ ne kurom. 40 Berɛ a ɔhene twa kɔɔ Gilgal+ no, Kimham ne no twaeɛ, na Yudafoɔ nyinaa ne Israelfoɔ fã nso de ɔhene twa kɔeɛ.
41 Hwɛ! Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn, na wɔbisaa ɔhene sɛ: “Adɛn nti na+ yɛn nuanom Yuda mmarima no wiaa wo sɛ wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa bɛtwa Yordan?”+ 42 Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: “Ɛfiri sɛ yɛn na ɔhene bɛn yɛn paa,+ na adɛn nti na moama asɛm yi ahyɛ mo abufuo? Yɛadi ɔhene ho biribi, anaa wakyɛ yɛn biribi?”
43 Ɛnna Israel mmarima ka kyerɛɛ Yuda mmarima sɛ: “Yɛwɔ kyɛfa du ahennie no mu,+ enti yɛdɔɔso sene mo Dawid mu. Adɛn nti na moabu yɛn animtia, na adɛn nti na moamma yɛanni kan+ anka sɛ yɛrekɔfa yɛn hene asan aba?” Nanso Yuda mmarima ano yɛɛ den senee Israel mmarima.