4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛtene mo ani soɔ biara, mɛyɛ.”+ Na ɔhene gyinaa kuro pono+ no nkyɛn maa nnipa no nyinaa firii adi, ɔha ha ne apem apem so, kɔeɛ.+
24 Ná Dawid te kuro apono+ mmienu no ntam. Ná ɔwɛmfoɔ+ no kɔ kuro pono no atifi dan mu, ɔfasuo no so. Akyire yi, ɔmaa n’ani so hwɛeɛ, na hwɛ! ɔbarima bi a ɔno nko ara nam de mmirika reba.
10 Saa berɛ no, na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ntadeɛ+ wɔ Samaria kuro pono ano ayuporobea hɔ, na adiyifoɔ no nyinaa gyinagyina wɔn anim reyɛ wɔn adiyifoɔ adwuma.+