1 Ahemfo
22 Na wɔtenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa a akodie amma Siria ne Israel ntam. 2 Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Yuda hene Yehosafat+ kɔɔ Israel hene nkyɛn. 3 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monnim sɛ Ramot-Gilead+ yɛ yɛn dea? Nanso yɛn deɛ, yɛte hɔ komm a yɛnnye mfirii Siria hene nsam.” 4 Na asɛm a ɔbisaa Yehosafat ne sɛ: “Wo ne me bɛkɔ Ramot-Gilead so ne wɔn akɔko+ anaa?” Ɛnna Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako. Me man ne wo man nso yɛ baako.+ M’apɔnkɔ ne w’apɔnkɔ yɛ baako.”
5 Na Yehosafat san ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ a, anka bisa+ Yehowa anom asɛm ansa.” 6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano,+ mmarima bɛyɛ ahanan, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Me ne Ramot-Gilead nkɔko, anaa mennyae?” Na wɔkaa sɛ: “Kɔ,+ na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”
7 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: “Yehowa diyifoɔ foforɔ biara nni hɔ bio anaa? Momma yɛmfa ne so mmisa.”+ 8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Baako da so wɔ hɔ a yɛbɛtumi afa ne so abisa Yehowa,+ nanso me deɛ, mempɛ n’asɛm+ koraa ɛfiri sɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa bi da, na bɔne nko ara+ na ɔka. Ɔne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”+
9 Ɛnna Israel hene frɛɛ ahemfie mpanimfoɔ+ no bi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔfa Yimla ba Mikaia bra ntɛm.”+ 10 Saa berɛ no, na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ntadeɛ+ wɔ Samaria kuro pono ano ayuporobea hɔ, na adiyifoɔ no nyinaa gyinagyina wɔn anim reyɛ wɔn adiyifoɔ adwuma.+ 11 Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie,+ ‘Yei na wode bɛpempem Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn aseɛ.’”+ 12 Adiyifoɔ nkaeɛ no nyinaa nso hyehyɛɛ nkɔm korɔ no ara sɛ: “Kɔ Ramot-Gilead so na kɔdi nkonim, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”+
13 Na deɛ wɔsomaa no sɛ ɔnkɔfrɛ Mikaia mmra no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adiyifoɔ no nyinaa de nokorɔ aka asɛmpa akyerɛ ɔhene, enti ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn deɛ no, na ka asɛmpa.”+ 14 Nanso Mikaia kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ+ yi, deɛ Yehowa bɛka akyerɛ me no, ɛno ara na me nso mɛka.”+ 15 Berɛ a ɔbɛduruu ɔhene anim no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mikaia, yɛne Ramot-Gilead nkɔko, anaa yɛnnyae?” Ɛhɔ ara na ɔbuaa ɔhene sɛ: “Monkɔ na monkɔdi nkonim, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”+ 16 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Mprɛ sɛn na memmaa wonkaa ntam sɛ nokorɛ nko ara na ka no Yehowa din mu kyerɛ me?”+ 17 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Hwɛ, mehunu Israel sɛ wɔabɔ wɔn nyinaa ahwete+ wɔ mmepɔ no so sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.+ Na Yehowa aka sɛ: ‘Yeinom nni wura. Enti ma obiara nsan nkɔ ne fie asomdwoeɛ mu.’”+
18 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɛnyɛ asɛm a mekaeɛ no na ɛda hɔ yi, sɛ ‘ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa bi, na mmom nkɔm bɔne’?”+
19 Na odiyifoɔ no toaa so sɛ: “Enti tie deɛ Yehowa wɔ ka:+ Mehunu Yehowa sɛ ɔte n’ahennwa+ soɔ a ɔsoro asafodɔm nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.+ 20 Na Yehowa bisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛkɔ akɔdaadaa Ahab ama no ne Ramot-Gilead akɔko na watɔ?’ Afei oyi ka sei, na oyi nso aka sei.+ 21 Akyire yi, honhom+ bi firi bɛgyinaa Yehowa anim kaa sɛ: ‘Me na mɛkɔ akɔdaadaa no.’ Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ, ‘Wobɛyɛ no sɛn?’+ 22 Na ɔno nso buaa sɛ, ‘Mɛkɔ akɔyɛ atorɔ honhom wɔ n’adiyifoɔ no nyinaa anom.’+ Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Wobɛtumi adaadaa no ampa; deɛ worekɔyɛ no, ɛbɛyɛ yie.+ Enti kɔ na kɔyɛ saa.’+ 23 Enti hunu sɛ Yehowa de atorɔ honhom na ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anom,+ nanso mmusuo na Yehowa aka afa wo ho.”+
24 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe bɛn Mikaia bɛbɔɔ no sotorɔ+ bisaa no sɛ: “Ɛhefa na Yehowa honhom nam sianee me ho ne wo bɛkasaeɛ?”+ 25 Na Mikaia buaa no sɛ: “Ɛda a wobɛhyɛn pia mu+ akɔhunta+ no na wobɛhunu baabi a ɛnam baeɛ.” 26 Ɛnna Israel hene no kaa sɛ: “Momfa Mikaia nkɔma amrado Amon ne ɔhene ba Yoas.+ 27 Na monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Deɛ ɔhene aka nie:+ “Momfa saa akoa yi nto nneduadan+ mu, na monte n’aduane+ ne ne nsuo so nkɔsi sɛ mɛba asomdwoeɛ mu.”’”+ 28 Ɛnna Mikaia kaa sɛ: “Sɛ wosan ba asomdwoeɛ mu paa a, ɛnneɛ na ɛnyɛ Yehowa na ɔne me kasaeɛ.”+ Na ɔka kaa ho sɛ: “Mo nyinaa nso montie bi.”+
29 Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat kɔɔ Ramot-Gilead so.+ 30 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Mɛsakra me ho akɔ akono,+ nanso wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ.”+ Enti Israel hene sakraa ne ho+ na ɔkɔɔ akono hɔ.+ 31 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene aduasa mmienu+ no sɛ: “Mo ne kumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, Israel hene nko ara na momfa mo ani nsi ne soɔ.”+ 32 Na ɛbaa sɛ berɛ a nteaseɛnam so asahene no hunuu Yehosafat pɛ, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ampa, Israel hene no nie.”+ Enti wɔkɔɔ ne so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat teateaam hwehwɛɛ ɔboafoɔ.+ 33 Enti berɛ a nteaseɛnam so asahene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene no, ntɛm ara na wɔgyaee n’akyiridie.+
34 Na ɔbarima bi too n’agyan a n’ani nna, na ɛkɔwɔɔ Israel hene wɔ n’akotadeɛ no mpameeɛ so. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne teaseɛnam kafoɔ+ no sɛ: “Dane wo nsa na fa me firi akono ha kɔ, na wɔapira me pira bɔne.” 35 Ɛko no mu yɛɛ den saa da no, na wɔde ɔhene no gyinaa teaseɛnam no mu de n’ani kyerɛɛ Siriafoɔ no, na ɛduruu anwummerɛ no na wawu;+ n’apirakuro no mogya nwunu guu ɛko teaseɛnam no mu.+ 36 Wɔteaam kaa no nsraban no nyinaa mu awiatɔ berɛ sɛ: “Obiara nkɔ ne kuro mu, obiara nkɔ n’asase so!”+ 37 Saa na ɛyɛeɛ a ɔhene wuiɛ. Wɔde no baa Samaria, na wɔsiee ɔhene wɔ Samaria.+ 38 Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria abura no ho, na nkraman bɛtaferee ne mogya,+ (nnwamanfoɔ nso dwaree hɔ), sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔkaeɛ no kyerɛ.+
39 Ahab ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asommɛn+ fie a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyereeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 40 Na Ahab ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na ne ba Ahasia+ bɛdii n’adeɛ.
41 Asa ba Yehosafat+ bɛdii Yuda so hene wɔ Israel hene Ahab afe a ɛtɔ so nnan mu. 42 Yehosafat bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nnum wɔ Yerusalem. Ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa. 43 Na ɔhene no nantee ne papa Asa akwan nyinaa so, na wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so.+ Sorɔnsorɔmmea no nko na amfiri hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 44 Na asomdwoeɛ tenaa Yehosafat ne Israel hene ntam.+ 45 Yehosafat ho nsɛm a aka, ne nnwuma akɛseɛ ne n’akodie no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 46 Asɔrefie mmarima nnwamanfoɔ+ a wɔkaeɛ wɔ ne papa Asa berɛ soɔ no, ɔtuu wɔn ase firii asase no so.+
47 Ná ɔhene bi nni Edom;+ amrado na ɔdii hene.+
48 Yehosafat yeyɛɛ Tarsis+ ahyɛn a ɔde bɛkɔ Ofir akɔfa sika, nanso antumi ankɔ ɛfiri sɛ ɛsɛesɛee wɔ Esion-Geber.+ 49 Ɛnna Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ma me nkoa mmɛka wo nkoa ho, ahyɛn no mu,” nanso Yehosafat ampene.+
50 Na Yehosafat ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro+ mu, na ne ba Yehoram+ bɛdii n’adeɛ.
51 Ahab ba Ahasia+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria, Yuda hene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunson mu, na ɔdii Israel so mfeɛ mmienu. 52 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔfaa ne papa kwan so+ ne ne maame kwan so+ ne Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne+ no kwan so.+ 53 Ɔsom Baal,+ na ɔsɔree no, na ɔhyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo+ sɛdeɛ ne papa yɛeɛ no ara.