1 Ahemfo
21 Na nsɛm yi akyi no, ná Yesreelni Nabot wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samaria hene Ahab ahemfie wɔ Yesreel.+ 2 Enti Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: “Fa wo bobeturo+ no ma me ɛ,+ na memfa nyɛ mfikyifuo,+ ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie; mɛma wo bobeturo a ɛyɛ sene yei de asi ananmu. Anaa wopɛ+ nso a, mɛma wo sika de atua ka.” 3 Nanso Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Ɛmpare me+ sɛ mɛgyina Yehowa anim+ de m’agyanom agyapadeɛ ama woɔ.”+ 4 Ɛnna Ahab de awerɛhoɔ baa ne fie mmɔbɔmmɔbɔ, asɛm a Yesreelni Nabot ka kyerɛɛ no sɛ: “Meremfa m’agyanom agyapadeɛ mma wo” no nti. Na ɔbɛdaa ne mpa so danee n’ani,+ na wannidi.
5 Ɛnna ne yere Yesebel+ baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo honhom abotoɔ+ na wonnidie yi?” 6 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Me ne Yesreelni Nabot kasaeɛ, na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo bobeturo no ma me, na memma wo sika mfa ntua ka. Anaa wopɛ nso a, ma memma wo bobeturo foforɔ nsi ananmu.’ Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Meremfa me bobeturo no mma wo.’”+ 7 Ɛnna ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wodi Israel so hene?+ Sɔre didi na ma w’akoma ani nnye. Me ara mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo.”+ 8 Enti ɔtwerɛɛ krataa+ Ahab din mu de ɔhene nsɔano sɔɔ ano,+ na ɔde krataa no kɔmemaa kurom hɔ mpanimfoɔ+ ne mmapɔmma a wɔne Nabot teɛ no. 9 Nsɛm a ɔtwerɛɛ no krataa no mu ne sɛ:+ “Monka mma wɔnni mmuada, na momma Nabot ntena nnipa no ti. 10 Afei momma mmarima ahuhufoɔ+ mmienu+ ntena n’anim na wɔnni adanseɛ ntia no+ sɛ, ‘Woadome Onyankopɔn ne ɔhene!’+ Afei momfa no mfiri adi nkɔsi no aboɔ mma no nwu.”+
11 Enti ne kuromfoɔ no, mpanimfoɔ ne mmapɔmma a wɔwɔ ne kurom hɔ no yɛɛ deɛ Yesebel de nkra brɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no krataa a ɔde kɔmaa wɔn no mu pɛpɛɛpɛ.+ 12 Wɔka maa wɔdii mmuada,+ na wɔmaa Nabot tenaa nnipa no anim. 13 Mmarima ahuhufoɔ mmienu bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufoɔ no dii adanseɛ tiaa no, kyerɛ sɛ, wɔdii adanseɛ tiaa Nabot wɔ nnipa no anim sɛ: “Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene!”+ Afei wɔde no firii adi kɔɔ kurotia, na wɔkɔsii no aboɔ maa no wuiɛ.+ 14 Ɛnna wɔsoma kɔka kyerɛɛ Yesebel sɛ: “Wɔasi Nabot aboɔ ama no awu.”+
15 Berɛ a Yesebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ ama no awuo no, ɛhɔ ara na Yesebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo+ a wamfa amma wo annye sika no, na Nabot nte nkwa mu bio, wawu.” 16 Berɛ a Ahab tee sɛ Nabot awuo no, ntɛm ara na ɔsɔre kɔɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu sɛ ɔrekɔfa.+
17 Na Yehowa asɛm+ baa Tisbini Elia+ nkyɛn sɛ: 18 “Sɔre kɔhyia Israel hene Ahab a ɔwɔ Samaria+ no. Ɔwɔ Nabot bobeturo no mu, wakɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa. 19 Kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Woakum+ obi asan afa n’adeɛ?”’+ San ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Baabi+ a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo nso wo mogya.”’”+
20 Ɛnna Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Ɔtamfo, woabɛhu me?”+ na ɔno nso kaa sɛ: “Mabɛhu wo. ‘Ɛsiane sɛ woatɔn wo ho sɛ wobɛyɛ Yehowa ani so bɔne+ nti, 21 hwɛ, mede mmusuo reba wo so;+ mɛpra w’akyi nyinaa akɔ,+ na matwa Ahab fie barima+ biara atwene, Israel nipahunu a ɔnni ɔboafoɔ mpo. 22 Na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie+ ne Ahiya ba Baasa fie,+ bɔne a woayɛ de ahyɛ me abufuo ne bɔne a woama Israel nso ayɛ nti.’+ 23 Na Yesebel nso, deɛ Yehowa aka wɔ ne ho ne sɛ, ‘Nkraman na ɛbɛdi Yesebel nam wɔ Yesreel asase no soɔ.+ 24 Ahab ho nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, nkraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.+ 25 Obiara biara nni hɔ a ɔyɛɛ n’adeɛ sɛ Ahab+ a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne, a ne yere Yesebel+ nso piapiaa+ no no. 26 Na ɔyɛɛ akyiwadeɛ a ɛnyɛ koraa kɔdii abosom fĩ akyi,+ sɛdeɛ Amorifoɔ a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim+ nyinaa yɛeɛ no.’”
27 Berɛ a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na ɔsuanee n’atadeɛ mu, na ɔde atweaatam kataa ne ho;+ ɔdii mmuada na ɔdaa atweaatam mu na ɔnantee awerɛhoɔ mu.+ 28 Ɛnna Yehowa asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: 29 “Woahunu sɛdeɛ me nti Ahab abrɛ ne ho aseɛ no?+ Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa mmusuo no mma wɔ ne nna mu.+ Ne ba nna mu na mede mmusuo no bɛba ne fie.”+