15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ anibereɛ+ biara ho, ɛfiri sɛ sɛ onipa nya ma no bu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fire.”+
7 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka? Mmara no yɛ bɔne anaa?+ Dabida! Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ Mmara no a, anka mennim bɔne;+ nhwɛsoɔ bi ne sɛ, sɛ Mmara no anka sɛ: “Mma w’ani mmmere adeɛ”+ a, anka mennim anibereɛ.+
14 Wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mã+ a ɛntumi nkwati bɔne,+ na wɔto akra a wɔn ase ntimiiɛ no bradɛ. Wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu.+ Wɔyɛ mmɔfra a wɔadome wɔn.+