Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
21 Nsɛm yi akyi no, biribi sii a ɛfa Yesreelni Nabot ho. Ná ɔwɔ bobefuo* bi wɔ Yesreel,+ na na ɛwɔ Samaria hene Ahab ahemfie nkyɛn pɛɛ. 2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: “Fa wo bobefuo no ma me na memfa nyɛ mfikyifuo, ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie. Mɛma wo bobefuo a ɛyɛ sene wei de asi ananmu. Anaa wopɛ nso a, mɛma wo sika atua ka.” 3 Nanso Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Ɛmpare me sɛ mede m’agyanom agyapadeɛ bɛma wo, ɛfiri sɛ Yehowa mpene so saa.”+ 4 Asɛm a Yesreelni Nabot ka kyerɛɛ no sɛ: “Meremfa m’agyanom agyapadeɛ mma wo” no nti, Ahab de awerɛhoɔ baa ne fie mmɔbɔmmɔbɔ. Na ɔbɛdaa ne mpa so de n’ani kyerɛɛ ban, na wannidi.
5 Ɛnna ne yere Yesebel+ baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na woaboto* ara ama wompɛ sɛ wodidi yi?” 6 Ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Meka kyerɛɛ Yesreelni Nabot sɛ, ‘Fa wo bobefuo no ma me, na memma wo sika ntua ho ka. Anaa wopɛ nso a, ma memma wo bobefuo foforɔ nsi ananmu.’ Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Meremfa me bobefuo no mma wo.’” 7 Ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wodi Israel so hene? Sɔre didi na ka w’akoma to wo yam. Mede Yesreelni Nabot bobefuo no bɛma wo.”+ 8 Enti ɔtwerɛɛ nkrataa wɔ Ahab din mu de ɔhene ahyɛnsodeɛ tintim so,+ na ɔde nkrataa no kɔmemaa kurom hɔ mpanimfoɔ+ ne atitire a wɔne Nabot te no. 9 Nsɛm a ɔtwerɛɛ no nkrataa no mu ne sɛ: “Monhyɛ berɛ mma akɔnkyene,* na momma Nabot ntena badwafoɔ no anim. 10 Afei momma mmarima ahuhufoɔ mmienu ntena n’anim na wɔnni adanseɛ ntia no+ sɛ, ‘Woadome Onyankopɔn ne ɔhene!’+ Ɛno akyi no, momfa no mpue nkɔsi no aboɔ nku no.”+
11 Enti ne kuromfoɔ, kyerɛ sɛ, mpanimfoɔ ne atitire a wɔwɔ ne kurom hɔ no, yɛɛ deɛ Yesebel twerɛɛ wɔ nkrataa a ɔde kɔmaa wɔn no mu pɛpɛɛpɛ. 12 Wɔhyɛɛ berɛ maa akɔnkyene, na wɔmaa Nabot tenaa nnipa no anim. 13 Mmarima ahuhufoɔ mmienu bɛtenaa n’anim, na wɔdii adanseɛ tiaa no wɔ nnipa no anim sɛ: “Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene!”+ Afei wɔde no kɔɔ kuro no abɔnten, na wɔkɔsii no aboɔ kum no.+ 14 Ɛnna wɔsoma kɔka kyerɛɛ Yesebel sɛ: “Wɔasi Nabot aboɔ akum no.”+
15 Berɛ a Yesebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ akum no no, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot+ bobefuo a wantɔn amma wo no, na Nabot nte nkwa mu bio; wawu.” 16 Berɛ a Ahab tee sɛ Nabot awu no, ntɛm ara na ɔsɔre kɔɔ Yesreelni Nabot bobefuo no mu sɛ ɔrekɔfa.
17 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Tisbini Elia+ sɛ: 18 “Sɔre kɔhyia Israel hene Ahab a ɔwɔ Samaria+ no. Ɔwɔ Nabot bobefuo no mu; wakɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa. 19 Kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Enti woakum obi+ asan afa n’agyapadeɛ aka ho?”’+ San ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie, “Faako a nkraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ ara na nkraman bɛtafere wo nso wo mogya.”’”+
20 Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Me tamfo, woabɛpue me so wɔ ha?”+ Na ɔno nso kaa sɛ: “Mabɛpue wo so. ‘Ɛsiane sɛ woasi wo bo* sɛ wobɛyɛ Yehowa ani so bɔne nti,+ 21 hwɛ, mede mmusuo reba wo so; mɛpra wo fie ato agu, na ɔbarima* biara a ɔwɔ Ahab fie+ no, mɛku no, Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mɛku no.+ 22 Na mɛyɛ wo fie te sɛ Nebat ba Yeroboam fie+ ne Ahiya ba Baasa fie,+ ɛfiri sɛ woayɛ bɔne de ahyɛ me abufuo, na woama Israel nso ayɛ bɔne.’ 23 Na Yesebel nso, deɛ Yehowa aka no ne ho ne sɛ, ‘Nkraman na ɛbɛdi Yesebel nam wɔ Yesreel asaase no so.+ 24 Ahab ho nipa biara a ɔbɛwu wɔ kurom no, nkraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wɔ wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.+ 25 Obiara nni hɔ a ɔyɛɛ n’adeɛ te sɛ Ahab+ a ɔsii ne bo* sɛ ɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na ne yere Yesebel nso piapiaa no no.+ 26 Ɔyɛɛ akyiwadeɛ a ɛnyɛ koraa kɔdii abosom fĩ* akyi, sɛdeɛ Amorifoɔ a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no nyinaa yɛeɛ no.’”+
27 Berɛ a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔde awerɛhoɔ ntoma* kataa ne ho; ɔtoaa so yɛɛ akɔnkyene de awerɛhoɔ ntoma dae, na ɔkɔɔ so dii awerɛhoɔ. 28 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: 29 “Woahunu sɛdeɛ me nti Ahab abrɛ ne ho ase no?+ Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase wɔ m’anim nti, meremfa mmusuo no mma wɔ ne berɛ so. Mede mmusuo no bɛba ne fie so wɔ ne ba berɛ so.”+