Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
20 Siria+ hene Ben-Hadad+ boaboaa n’asraafoɔdɔm nyinaa ano, na ɔbɛtwaa Samaria+ ho hyiaa+ sɛ ɔne wɔn rebɛko. Ná ahemfo 32 ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ka ho. 2 Afei ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ Israel hene Ahab+ nkyɛn wɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Ben-Hadad aka nie, 3 ‘Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ nso yɛ me dea.’” 4 Ɛnna Israel hene buaa sɛ: “Me wura ɔhene, sɛdeɛ woaka no, me ne deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”+
5 Akyire yi, abɔfoɔ no san bɛkaa sɛ: “Deɛ Ben-Hadad aka nie, ‘Mesoma baa wo nkyɛn sɛ: “Fa wo dwetɛ, wo sika, ne wo yerenom ne wo mma ma me.” 6 Ɔkyena sɛsɛɛ nso, mɛsoma me nkoa aba wo nkyɛn, na wɔbɛhwehwɛ wo fie ne wo nkoa afie mu, na sɛ wɔba a, adeɛ biara a ɛyɛ fɛ w’ani so no, wɔbɛfa na wɔde aba.’”
7 Ɛhɔ ara na Israel hene frɛɛ asaase no so mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Mesrɛ mo, momfa mo ani nto fam, na mobɛhu sɛ mmusuo na onipa yi asi ne bo sɛ ɔde bɛba, ɛfiri sɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ memfa me yerenom ne me mma, me dwetɛ, ne me sika mma no, na mampopo me ti.” 8 Ɛnna mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ waka no, mpene so, na nyɛ.” 9 Enti ɔka kyerɛɛ Ben-Hadad abɔfoɔ no sɛ: “Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Deɛ wodii kan bɛka kyerɛɛ me no, mɛyɛ ne nyinaa, na wei deɛ, ɛnyɛ adeɛ a mɛtumi ayɛ.’” Ɛnna abɔfoɔ no firii hɔ kɔe, na wɔkɔbɔɔ no amanneɛ.
10 Afei Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mfuturo a ɛbɛka Samaria no, sɛ nnipa a wɔdi m’akyi no mu biara tumi nya nsa ma a, ɛnneɛ anyame no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!” 11 Israel hene nso buaa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Mma deɛ ɔrehyɛ akotaadeɛ nnhoahoa ne ho te sɛ obi a ɔreyi agu hɔ.’”+ 12 Berɛ a ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsã wɔ wɔn ntomadan mu;* ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Mommoaboa mo ho!” Na wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔrekɔ kuro no so.
13 Na odiyifoɔ bi baa Israel hene Ahab+ nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Woahu dɔm kɛseɛ yi nyinaa? Ɛnnɛ mede wɔn bɛhyɛ wo nsa na woahu sɛ mene Yehowa.’”+ 14 Ahab bisaa sɛ: “Ɛnam hwan so?” na ɔbuaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɛnam amantam asoafoɔ no asomfoɔ so.’” Enti ɔhene bisaa sɛ: “Hwan na ɔbɛfiri ɛko no ase?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ wo!”
15 Ɛnna Ahab kan amantam asoafoɔ no asomfoɔ no; ná wɔn dodoɔ si 232. Ɛno akyi no, ɔkan Israel mmarima nyinaa; ná wɔn dodoɔ si 7,000. 16 Berɛ a wɔrefiri kuro no mu no, na ɛyɛ awiaberɛ.* Saa berɛ no, na Ben-Hadad rewe nsã boro wɔ ntomadan mu,* ɔne ahemfo 32 a wɔka ne ho reboa no no. 17 Berɛ a amantam asoafoɔ no asomfoɔ no dii kan kɔeɛ no, ɛhɔ ara na Ben-Hadad somaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnkɔhwɛ deɛ ɛrekɔ so, na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Mmarima bi firi Samaria aba.” 18 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ asomdwoeɛ na wɔde bae a, monkye wɔn anikan, na sɛ ntɔkwa nso na wɔde bae a, monkye wɔn anikan.” 19 Amantam asoafoɔ no asomfoɔ no ne asraafoɔ a wɔdi wɔn akyi no, berɛ a wɔfirii kuro no mu baeɛ no, 20 obiara kum onipa a ɔbɛhyiaa no no. Ɛnna Siriafoɔ no dwaneeɛ,+ na Israelfoɔ tii wɔn. Siria hene Ben-Hadad deɛ, ɔtenaa pɔnkɔ so, na ɔne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no bi dwaneeɛ. 21 Nanso Israel hene toaa so dii atamfo a wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu no so nkonim, na Siriafoɔ a ɔkunkum wɔn no, na wɔdɔɔso paa.
22 Akyire yi, odiyifoɔ+ no kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hu deɛ wobɛyɛ,+ ɛfiri sɛ afe sɛsɛɛ,* Siria hene bɛba wo so.”+
23 Siria hene nkoa nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no yɛ mmepɔ Nyankopɔn. Ɛno nti na wɔdii yɛn so nkonim no. Sɛ yɛne wɔn kɔko wɔ asaase a ɛda fam so deɛ a, yɛbɛdi wɔn so nkonim. 24 Yɛ wei nso ka ho: Yiyi ahemfo no nyinaa firi mu,+ na fa amradofoɔ sisi wɔn ananmu. 25 Afei boaboa* asraafoɔdɔm a wɔn dodoɔ te sɛ asraafoɔdɔm a wohweree wɔn no ano, na fa apɔnkɔ hyɛ apɔnkɔ ananmu na fa nteaseɛnam hyɛ nteaseɛnam ananmu. Ma yɛne wɔn nkɔko wɔ asaase a ɛda fam so, na ɛkwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim.” Ɔtiee wɔn afotuo no, na ɔyɛɛ saa.
26 Afe no mfitiaseɛ no,* Ben-Hadad boaboaa Siriafoɔ ano, na wɔsiim kɔɔ Afek+ sɛ wɔne Israel rekɔko. 27 Israelfoɔ nso boaboaa wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn deɛ wɔhia, na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia wɔn. Berɛ a Israelfoɔ boaa wɔn ho ano wɔ wɔn anim no, na wɔayɛ sɛ nnwankuo* nketewa mmienu, nanso Siriafoɔ no deɛ, wɔhyɛɛ asaase no so ma.+ 28 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn nipa no baa Israel hene nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ Siriafoɔ aka sɛ: “Yehowa yɛ mmepɔ Nyankopɔn na ɔnyɛ asaase a ɛda fam Nyankopɔn” nti, mede dɔm kɛseɛ yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa+ na mobɛhunu ampa sɛ mene Yehowa.’”+
29 Wɔboaa wɔn ho ano nnanson, dɔm anim kyerɛ dɔm anim. Da a ɛtɔ so nson no, wɔde ɛko no hyehyɛɛ so, na da koro pɛ, Israelfoɔ kunkum Siriafoɔ asraafoɔ* 100,000. 30 Wɔn a wɔkaeɛ no dwane kɔɔ Afek+ kuro no mu, na mmarima a wɔkaeɛ no, ɔfasuo no bu guu wɔn mu 27,000 so. Ben-Hadad nso dwane kɔɔ kuro no mu, na ɔkɔhintaa pia mu.
31 Ɛnna ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔwɔ ahummɔborɔ.* Enti yɛsrɛ wo, ma yɛmfa awerɛhoɔ ntoma* mmobɔ yɛn asene na yɛmfa nhoma mmobɔ yɛn ti nkɔ Israel hene nkyɛn. Ebia ɔbɛkora wo nkwa* so.”+ 32 Enti wɔfaa awerɛhoɔ ntoma bobɔɔ wɔn asene, na wɔde nhoma bobɔɔ wɔn ti kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ w’akoa Ben-Hadad aka ne sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma mentena nkwa mu.’”* Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nua.” 33 Ɛnna mmarima no faa no sɛ nneɛma bɛkɔ yie, na n’akoma mu asɛm na waka no, enti wɔkaa sɛ: “Ben-Hadad yɛ wo nua.” Na ɔno nso kaa sɛ: “Monkɔfa no mmra.” Enti Ben-Hadad baa ne nkyɛn, na ntɛm ara ɔmaa no foro bɛtenaa ne teaseɛnam mu.
34 Ɛnna Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkuro a me papa gye firii wo papa nsam no, mɛsan de ama wo; wobɛtumi abɛsisi adwadibea* wɔ Damasko sɛdeɛ me papa yɛɛ no Samaria no.”
Ahab nso kaa sɛ: “Nhyehyɛeɛ* yi nti mɛgyaa wo ama woakɔ.”
Enti ɔne no yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔgyaa no maa no kɔeɛ.
35 Yehowa de n’asɛm somaa ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ mma*+ mu maa no ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Nanso ɔbarima no ammɔ no. 36 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsiane sɛ woantie Yehowa nne nti, sɛ wonya firi me nkyɛn kɔ a, gyata bɛku wo.” Berɛ a ɔfirii ne nkyɛn kɔeɛ no, ɔkɔhyiaa gyata maa no kum no.
37 Ɔkɔhuu ɔbarima foforɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔno nso sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Ɛnna ɔbarima no bɔɔ no piraa no.
38 Afei odiyifoɔ no kɔgyinaa kwankyɛn twɛn ɔhene no; ná ɔde biribi akata n’anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obi renhu onipa ko a ɔyɛ. 39 Berɛ a ɔhene no rebɛtwam no, ɔfrɛɛ ɔhene kaa sɛ: “W’akoa kɔɔ akono, ɛnna ɔbarima bi a ɔrefiri akono hɔ de obi bɛhyɛɛ me nsa, na ɔkaa sɛ, ‘Hwɛ ɔbarima yi so. Sɛ ɔyera a, wode wo nkwa bɛsi ne nkwa ananmu,*+ anyɛ saa a, wobɛtua dwetɛ dwetikɛseɛ* baako ahyɛ mu.’ 40 Berɛ a w’akoa redi akɔneaba no, m’ani baa me ho so no, na wadwane kɔ.” Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa na w’atemmuo bɛyɛ. Wo ara woabua asɛm no.” 41 Ntɛm ara na ɔyii deɛ ɛkata n’anim no, na Israel hene huu sɛ ɔka adiyifoɔ no ho.+ 42 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ woama ɔbarima a makyerɛ sɛ wɔnsɛe no afiri wo nsa nti,+ wo nkwa bɛsi ne nkwa ananmu,*+ na wo man asi ne man ananmu.’”+ 43 Ɛnna Israel hene kɔɔ ne fie wɔ Samaria;+ ná waboto na wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.