1 Ahemfo
20 Ɛnna Siria hene Ben-Hadad+ boaboaa n’asraafoɔdɔm nyinaa ano; ná ahemfo aduasa mmienu+ ne apɔnkɔ+ ne nteaseɛnam+ ka ne ho, na ɔbɛtwaa+ Samaria+ ho hyiaa sɛ ɔne wɔn rebɛko. 2 Afei ɔtuu abɔfoɔ+ kɔɔ Israel hene Ahab nkyɛn wɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Ben-Hadad aka nie, 3 ‘Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ nso yɛ me dea.’”+ 4 Ɛnna Israel hene buaa sɛ: “Sɛdeɛ woaka no, me wura ɔhene, me ne deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”+
5 Akyire yi, abɔfoɔ no san ba bɛkaa sɛ: “Deɛ Ben-Hadad aka nie, ‘Mesoma baa wo nkyɛn sɛ: “Fa wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma ma me. 6 Ɔkyena sɛsɛɛ nso, mɛsoma me nkoa aba wo nkyɛn, na wɔbɛhwehwɛ wo fie ne wo nkoa afie mu, na ɛbɛba sɛ adeɛ biara a ɛyɛ fɛ+ w’ani soɔ no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de aba.”’”
7 Ɛhɔ ara na Israel hene frɛɛ asase no so mpanimfoɔ+ nyinaa bɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Mesrɛ mo, monhwɛ nhunu sɛ mmusuo na onipa yi rehwehwɛ;+ ɔsoma bɛka kyerɛɛ me sɛ memfa me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika mma no, na mamfa ankame no.” 8 Ɛnna mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nyɛ deɛ waka no, na mpene so.” 9 Enti ɔka kyerɛɛ Ben-Hadad abɔfoɔ no sɛ: “Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Deɛ wɔdii kan soma bɛka kyerɛɛ me no, mɛyɛ ne nyinaa, na yei deɛ, ɛnyɛ adeɛ a mɛtumi ayɛ.’” Ɛnna abɔfoɔ no firii hɔ kɔeɛ, na wɔkɔbɔɔ no amanneɛ.
10 Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mfuturo a ɛbɛka Samaria no bɛtumi ayɛ m’akyidifoɔ nyinaa nsa amaama+ a, anyame+ no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!”+ 11 Ɛnna Israel hene nso buaa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Mma deɛ ɔhyɛ akotadeɛ+ nnhoahoa ne ho sɛ deɛ ɔreyi agu hɔ.’”+ 12 Berɛ a ɔtee asɛm yi no, ná ɔne ahemfo no renom nsã+ wɔ asese ase, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Mommoaboa mo ho!” Na wɔfirii aseɛ boaboaa wɔn ho sɛ wɔrekɔ kuro no so.
13 Na hwɛ! odiyifoɔ bi baa Israel hene Ahab+ nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie,+ ‘Woahunu dɔm kɛseɛ yi nyinaa? Hwɛ, ɛnnɛ mede wɔn bɛhyɛ wo nsa na woahunu sɛ mene Yehowa.’”+ 14 Ɛnna Ahab bisaa sɛ: “Ɛnam hwan so?” na ɔbuaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɛnam amantam asoafoɔ no mmeranteɛ so.’” Na ɔhene san bisaa sɛ: “Hwan na ɔbɛbue ɛko no ano?” na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ wo!”
15 Ɛnna ɔkan amantam asoafoɔ no mmeranteɛ no; wɔn dodoɔ sii ahanu aduasa mmienu.+ Ɛno akyi no, ɔkan Israel nyinaa mu nnipa a wɔkɔ ɔsa; wɔn dodoɔ sii mpemnson. 16 Afei wɔfirii adi kɔɔ owigyinaeɛ, berɛ a Ben-Hadad rewe nsã bo+ wɔ asese ase no, ɔne ahemfo no, ahemfo aduasa mmienu a wɔka ne ho reboa no no. 17 Berɛ a amantam asoafoɔ no mmeranteɛ+ no dii kan firii adie no, ɛhɔ ara na Ben-Hadad soma kɔɔ hɔ, na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Mmarima bi firi Samaria aba.” 18 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ asomdwoeɛ mu mpo na wɔbaeɛ a, monkye wɔn animono, na sɛ ɛko nso nti na wɔbaeɛ a, animono ara na monkye wɔn.”+ 19 Yeinom na wɔfirii adi firii kuro no mu baeɛ, amantam asoafoɔ no mmeranteɛ no ne asraafoɔ a wɔdi wɔn akyi no. 20 Na obiara bobɔɔ onipa a ɔfirii adi bɛhyiaa no no, na Siriafoɔ+ dwaneeɛ,+ na Israelfoɔ tĩĩ wɔn. Siria hene Ben-Hadad deɛ, ɔtenaa pɔnkɔ so ne n’apɔnkɔsotefoɔ dwaneeɛ. 21 Na Israel hene firii adi kɔbobɔɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ no, na ɔde okunkɛseɛ kunkum Siriafoɔ no.
22 Akyire yi, odiyifoɔ+ no kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ wo ho den,+ na hunu deɛ wobɛyɛ+ ɛfiri sɛ sɛ afe kɔ bɛhyia a, Siria hene bɛba wo so.”+
23 Siria hene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔn Nyankopɔn yɛ mmepɔ Nyankopɔn.+ Ɛno nti na wɔn ho yɛɛ den senee yɛn no. Enti ma yɛne wɔn nkɔko wɔ asase a ɛda fam so, na hwɛ sɛ yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa. 24 Na yei na yɛ: Yiyi ahemfo+ no nyinaa firi mu, na fa amradofoɔ sisi wɔn ananmu.+ 25 Afei kan asraafoɔdɔm a wɔn dodoɔ te sɛ asraafoɔdɔm a wohweree wɔn no, na apɔnkɔ nhyɛ apɔnkɔ anan na nteaseɛnam nhyɛ nteaseɛnam anan na yɛne wɔn nkɔko wɔ asase a ɛda fam so, na hwɛ sɛ yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa.”+ Enti ɔtiee wɔn nne, na ɔyɛɛ saa.
26 Na afe kɔ bɛhyiaeɛ no, Ben-Hadad boaboaa Siriafoɔ+ ano, na wɔsiim kɔɔ Afek+ sɛ wɔne Israel rekɔko. 27 Wɔboaboaa Israelfoɔ nso ano, na wɔmaa wɔn deɛ wɔhia,+ na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia wɔn; Israelfoɔ kyeree nsraban sɛ nnwankuo* nketewa mmienu wɔn anim, nanso Siriafoɔ no deɛ, wɔhyɛɛ asase no so mã.+ 28 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn+ nipa no bɛn Israel hene bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ́ Siriafoɔ aka sɛ: “Yehowa yɛ mmepɔ Nyankopɔn na ɔnyɛ asase a ɛda fam Nyankopɔn” nti, mede dɔm kɛseɛ yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa+ na moahunu sɛ mene Yehowa.’”+
29 Na wɔkyeree nsraban nnanson; yeinom anim kyerɛ yeinom anim.+ Da a ɛtɔ so nson no, ɛko no firii aseɛ, na da koro, Israelfoɔ kunkum Siriafoɔ mmarima mpem ɔha a wɔnam fam. 30 Wɔn a wɔkaeɛ no dwane kɔɔ Afek+ kuro no mu; ɛnna ɔfasuo no bu guu mmarima mpem aduonu nson a wɔkaeɛ no soɔ.+ Ben-Hadad deɛ, ɔdwaneeɛ,+ na ɔkɔhyɛɛ pia mu+ wɔ kuro no mu.
31 Ɛnna ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ.+ Enti yɛsrɛ wo, ma yɛmfa atweaatam+ mmobɔ yɛn asene+ na yɛmfa nhoma mmobɔ yɛn ti nkɔ Israel hene nkyɛn. Ebia ɔbɛkora wo kra so.”+ 32 Enti wɔfaa atweaatam bobɔɔ wɔn asene na wɔde nhoma bobɔɔ wɔn ti kɔɔ Israel hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ w’akoa Ben-Hadad aka nie, ‘Mesrɛ wo, ma me kra ntena nkwa mu.’” Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɔda so te ase anaa? Me nua ne no.” 33 Ɛnna mmarima+ no faa no sɛ asɛmpa na ɛreba, na ɔno ara ne tirim asɛm na waka no, na wɔkaa sɛ: “Ben-Hadad yɛ wo nua.” Na ɔno nso kaa sɛ: “Monkɔfa no mmra.” Enti Ben-Hadad baa ne nkyɛn, na ntɛm ara ɔmaa no foro bɛtenaa teaseɛnam no mu.+
34 Ɛnna Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkuro+ a me papa gye firii wo papa nsam no, mɛsan adane ama; yi mmorɔno wɔ Damasko fa sɛdeɛ me papa nso yii bi faa wɔ Samaria no.”
Na Ahab nso kaa sɛ: “Me nso, me ne wo bɛyɛ apam+ yei ho na magya wo kwan ama woakɔ.”
Na ɔne no yɛɛ apam gyaa no kwan maa no kɔeɛ.
35 Na ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ no asefoɔ mu+ nam Yehowa asɛm+ so ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Nanso ɔbarima no ammɔ no. 36 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ woantie Yehowa nne nti, berɛ a worefiri me nkyɛn akorɔ yi, gyata bɛku wo.” Ɛno akyi no, ɔfirii ne nkyɛn kɔeɛ na ɔkɔhyiaa gyata+ maa no kum no.+
37 Ɔkɔhunuu ɔbarima foforɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔno nso sɛ: “Mesrɛ wo, bɔ me.” Ɛnna ɔbarima no bɔɔ no; ɔbɔɔ no piraa no.
38 Afei odiyifoɔ no kɔ kɔgyinaa kwan so twɛnee ɔhene no, na ɔde biribi kataa n’anim sɛdeɛ obi renhu no.+ 39 Berɛ a ɔhene no rebɛtwam no, ɔfrɛɛ ɔhene kaa sɛ:+ “W’akoa firi kɔɔ ɛko no mfimfini; na hwɛ! na ɔbarima bi refiri ɛko no mu akɔ, na ɔde obi bɛhyɛɛ me nsa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ ɔbarima yi so. Sɛ ɔyera a, wo kra+ bɛsi ne kra ananmu,+ anyɛ saa a, wobɛkari dwetɛ dwetikɛseɛ baako ahyɛ mu.’+ 40 Ɛbaa sɛ berɛ a w’akoa redi akɔneaba no, hwɛ, onipa no dwaneeɛ.” Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa na w’atemmuo bɛyɛ. Wo ara na woabua.”+ 41 Ntɛm ara na ɔyii adeɛ no firii n’anim, na Israel hene hunuu onipa kõ a ɔyɛ, sɛ ɔfiri adiyifoɔ no mu.+ 42 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ́ woama ɔbarima a makyerɛ sɛ wɔnsɛe no afiri wo nsa+ nti, wo kra bɛsi ne kra ananmu,+ na wo man bɛsi ne man ananmu.’”+ 43 N’ano siiɛ no, Israel hene de n’ani kyerɛɛ ne fie; ná wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ+ na waboto, na ɔkɔɔ Samaria.+