24 Afei wɔbaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe gyinagyinaa abɔnten twɛneeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo mu bi ma mmarima a mede wɔn bɛhyɛ mo nsa no bi dwane a, ɛnneɛ ne kra bɛsi onii no kra ananmu.”+
19 Herode+ hwehwɛɛ no dendeenden, na berɛ a ɔnhu no no, ɔbisabisaa awɛmfoɔ no deɛ ɛsiiɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa wɔn nkɔtwe wɔn aso;+ na ɔfirii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔdii nna kakra wɔ hɔ.
27 Berɛ a afiasehwɛfoɔ no sɔre firii nna mu a ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛku ne ho,+ ɛfiri sɛ na ɔsusu sɛ nneduafoɔ no adwane.+