31 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene aduasa mmienu+ no sɛ: “Mo ne kumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, Israel hene nko ara na momfa mo ani nsi ne soɔ.”+
35 Ɛko no mu yɛɛ den saa da no, na wɔde ɔhene no gyinaa teaseɛnam no mu de n’ani kyerɛɛ Siriafoɔ no, na ɛduruu anwummerɛ no na wawu;+ n’apirakuro no mogya nwunu guu ɛko teaseɛnam no mu.+
33 Na ɔbarima bi too n’agyan a n’ani nna, na ɛkɔwɔɔ+ Israel hene wɔ n’akotadeɛ no mpameeɛ so. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ teaseɛnam kafoɔ+ no sɛ: “Dane wo nsa na fa me firi akono ha kɔ, na wɔapira me pira bɔne.”+