34 Ɛnna Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkuro a me papa gye firii wo papa nsam no, mɛsan de ama wo; wobɛtumi abɛsisi adwadibea wɔ Damasko sɛdeɛ me papa yɛɛ no Samaria no.”
Ahab nso kaa sɛ: “Nhyehyɛeɛ yi nti mɛgyaa wo ama woakɔ.”
Enti ɔne no yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔgyaa no maa no kɔeɛ.