Genesis 37:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Ɛnna Yakob suanee n’atadeɛ mu na ɔde atweaatam sii n’asene suu ne ba no nna pii.+ 1 Ahemfo 21:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Berɛ a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na ɔsuanee n’atadeɛ mu, na ɔde atweaatam kataa ne ho;+ ɔdii mmuada na ɔdaa atweaatam mu na ɔnantee awerɛhoɔ mu.+ Ester 4:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Berɛ a Mordekai+ tee asɛm no nyinaa no,+ ɔsuanee n’atadeɛ mu firaa atweaatam+ de nsõ+ guu ne ho. Afei ɔkɔgyinaa kuro no mfimfini suu dendeenden.+ Yesaia 22:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Saa da no Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, bɛfrɛ nnipa ama wɔasũ+ adi awerɛhoɔ, na wɔabɔ tikwa afira atweaatam.+ Adiyisɛm 11:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na mɛma m’adansefoɔ mmienu+ afira atweaatam+ ahyɛ nkɔm+ nna apem ahanu aduosia.”
27 Berɛ a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na ɔsuanee n’atadeɛ mu, na ɔde atweaatam kataa ne ho;+ ɔdii mmuada na ɔdaa atweaatam mu na ɔnantee awerɛhoɔ mu.+
4 Berɛ a Mordekai+ tee asɛm no nyinaa no,+ ɔsuanee n’atadeɛ mu firaa atweaatam+ de nsõ+ guu ne ho. Afei ɔkɔgyinaa kuro no mfimfini suu dendeenden.+
12 “Saa da no Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, bɛfrɛ nnipa ama wɔasũ+ adi awerɛhoɔ, na wɔabɔ tikwa afira atweaatam.+