24 Afei wɔbaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ, na na Yehu de mmarima 80 agyinagyina abɔnten aka akyerɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo mu bi ma mmarima a mede wɔn bɛhyɛ mo nsa no bi dwane a, ɛnneɛ ɔde ne nkwa bɛtwa so.”*
19 Na Herode hwehwɛɛ no dendeenden, na berɛ a wanhu no no, ɔbisabisaa awɛmfoɔ no deɛ ɛsiiɛ. Afei ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa wɔn nkɔ nkɔtwe wɔn aso.+ Na Herode firii Yudea, na ɔkɔɔ* Kaesarea kɔdii nna kakra wɔ hɔ.
27 Berɛ a deɛ ɔhwɛ afiase hɔ no nyaneeɛ a ɔhuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne sekan sɛ ɔrebɛku ne ho, ɛfiri sɛ na ɛyɛ no sɛ nneduafoɔ no adwane.+