-
2 Ahemfo 9:7-9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Kunkum wo wura Ahab fiefoɔ, na mɛma Yesebel atua me nkoa adiyifoɔ no ne Yehowa nkoa a ɔkunkum wɔn no nyinaa mogya ho ka.+ 8 Na Ahab fiefoɔ nyinaa bɛwuwu; ɔbarima* biara a ɔwɔ Ahab fie no, mɛku no, Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mɛku no.+ 9 Na mɛsɛe Ahab fie sɛdeɛ mesɛee Nebat ba Yeroboam+ fie ne Ahiya ba Baasa+ fie no.
-