-
1 Ahemfo 15:25-29Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
25 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yeroboam ba Nadab+ bɛdii Israel so hene, na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu. 26 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na nneɛma bɔne a ne papa yɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 27 Ahiya ba Baasa a ɔfiri Isakar fie no bɔɔ Nadab ho pɔ, na Baasa kum no wɔ Gibeton+ a ɛwɔ Filistifoɔ asaase so; saa berɛ no, na Nadab ne Israel nyinaa atwa Gibeton ho ahyia. 28 Enti Baasa kum no wɔ Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔsii n’anan dii hene. 29 Berɛ a ɔbɛyɛɛ ɔhene ara pɛ, ɔkunkum Yeroboam fiefoɔ nyinaa. Wannya Yeroboam ho nipa baako mpo;* ɔtɔree wɔn nyinaa ase maa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahiya so kae no baa mu.+
-