Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
15 Nebat ba Ɔhene Yeroboam ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no,+ Abiam bɛdii Yuda so hene.+ 2 Ɔdii hene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Maaka,+ na na ɔyɛ Abisalom banana. 3 Nneɛma bɔne a ne papa yɛeɛ nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; n’akoma anni mu wɔ Yehowa ne Nyankopɔn ho te sɛ ne nana Dawid. 4 Nanso Dawid nti,+ Yehowa ne Nyankopɔn maa no nyaa kanea* wɔ Yerusalem+ berɛ a ɔmaa ne ba bɛdii n’adeɛ na ɔmaa Yerusalem gyinaeɛ no. 5 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Dawid yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, na biribiara a ɔka kyerɛɛ no no, ne nkwa nna nyinaa wannane amfiri ho, gye Hitini Uria asɛm no nko ara mu.+ 6 Rehoboam nkwa nna nyinaa, ntɔkwa ampa ɔne Yeroboam ntam da.+
7 Abiam ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.+ Ntɔkwa bɛdaa Abiam ne Yeroboam nso ntam.+ 8 Abiam ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Asa+ bɛdii n’adeɛ.+
9 Israel hene Yeroboam ahennie afe a ɛtɔ so 20 mu no, Asa bɛdii Yuda so hene. 10 Ɔdii hene mfeɛ 41 wɔ Yerusalem; ne nanabaa din de Maaka,+ na na ɔyɛ Abisalom banana. 11 Asa yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so+ te sɛ ne nana Dawid. 12 Tuutuufoɔ mmarima a wɔwɔ asɔrefie hɔ no, ɔtuu wɔn firii asaase no so,+ na ɔyiyii abosom fĩ* a n’agyanom yeyɛeɛ no nyinaa.+ 13 Ne nanabaa Maaka+ mpo, ɔtuu no adeɛ so, na wamma no anyɛ ɔbaapanin bio, ɛfiri sɛ na wayɛ ohoni tantan bi+ a wɔde som abosonnua.* Asa twaa ohoni tantan no, na ɔkɔhyee no Kidron Bɔn+ mu. 14 Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ.+ Nanso Asa nkwa nna* nyinaa, na n’akoma di mu wɔ Yehowa ho. 15 Na ɔde nneɛma a ɔne ne papa yɛɛ no kronkron no baa Yehowa fie hɔ; dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no.+
16 Ntɔkwa ampa Asa ne Israel hene Baasa+ ntam da. 17 Enti Israel hene Baasa baa Yuda so, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔresan akyekyere Rama+ kuro no* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rentumi mfiri Yuda hene Asa nkyɛn mma anaa obiara rentumi nkɔ ne nkyɛn.*+ 18 Ɛnna Asa de Yehowa fie ne ahemfie* akoradeɛ mu dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a aka nyinaa maa n’asomfoɔ, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba Siria hene Ben-Hadad+ a ɔte Damasko no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 19 “Apam* da me ne wo ntam, ne me papa ne wo papa ntam. Merebɛkyɛ wo dwetɛ ne sika kɔkɔɔ. Bra na bɛtwa apam* a wo ne Israel hene Baasa ayɛ no mu na ɔmfiri me so nkɔ.” 20 Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkuro so, na wɔko faa Eyon,+ Dan,+ Abel-Bet-Maaka, ne Kineret ne Naftali nsaase nyinaa. 21 Berɛ a Baasa teeɛ no, ntɛm ara na ɔgyaee Rama kyekyere,* na ɔtenaa Tirsa.+ 22 Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda nyinaa ano, wanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsesaa aboɔ ne nnua a na Baasa de rekyekyere Rama no, na Ɔhene Asa de kɔkyekyeree Geba+ a ɛwɔ Benyamin, ne Mispa.*+
23 Asa ho nsɛm a aka nyinaa, ne nnwuma akɛseɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne nkuro a ɔkyekyereeɛ* no, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. Nanso ne nkɔkoraaberɛ mu no, ɔyaree ne nan.+ 24 Na Asa ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro mu, na ne ba Yehosafat+ bɛdii n’adeɛ.
25 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yeroboam ba Nadab+ bɛdii Israel so hene, na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu. 26 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na nneɛma bɔne a ne papa yɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 27 Ahiya ba Baasa a ɔfiri Isakar fie no bɔɔ Nadab ho pɔ, na Baasa kum no wɔ Gibeton+ a ɛwɔ Filistifoɔ asaase so; saa berɛ no, na Nadab ne Israel nyinaa atwa Gibeton ho ahyia. 28 Enti Baasa kum no wɔ Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔsii n’anan dii hene. 29 Berɛ a ɔbɛyɛɛ ɔhene ara pɛ, ɔkunkum Yeroboam fiefoɔ nyinaa. Wannya Yeroboam ho nipa baako mpo;* ɔtɔree wɔn nyinaa ase maa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahiya so kae no baa mu.+ 30 Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne na ɔtwetwee Israel nso kɔɔ bɔne mu, na ɔhyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo kɛse. 31 Nadab ho nsɛm a aka, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 32 Na ntɔkwa ampa Asa ne Israel hene Baasa ntam da.+
33 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Ahiya ba Baasa bɛyɛɛ Israel nyinaa so hene wɔ Tirsa, na ɔdii adeɛ mfeɛ 24.+ 34 Nanso ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a Yeroboam yɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+