1 Ahemfo
15 Nebat+ ba Ɔhene Yeroboam+ afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu na Abiam bɛdii Yuda so hene.+ 2 Ɔdii hene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Maaka+ a ɔyɛ Abisalom+ banana. 3 Akwammɔne a ne papa dii kan faa soɔ no nyinaa, ɛno ara na ɔno nso faa soɔ; n’akoma anni mũ+ wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn ho sɛ ne nana Dawid akoma.+ 4 Dawid nti,+ Yehowa, ne Nyankopɔn maa no nyaa kanea+ wɔ Yerusalem berɛ a ɔmaa ne ba so wɔ n’akyi no, na ɔmaa Yerusalem gyinaeɛ,+ 5 ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so, na wannane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu. 6 Na akodie bɛdaa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa.+
7 Abiam ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. Na akodie bɛdaa Abiam ne Yeroboam nso ntam.+ 8 Na Abiam ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no Dawid Kuro+ mu, na ne ba Asa+ bɛdii n’adeɛ.
9 Israel hene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu mu na Asa bɛdii Yuda so hene. 10 Ɔdii hene mfeɛ aduanan baako wɔ Yerusalem; ne nanabaa din de Maaka+ a ɔyɛ Abisalom+ banana. 11 Asa yɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so sɛ ne nana Dawid.+ 12 Enti ɔtuu asɔrefie mmarima nnwamanfoɔ no firii asase no so,+ na ɔyiyii abosom fĩ+ a n’agyanom yeyɛeɛ+ no nyinaa. 13 Ne nanabaa Maaka+ nso, ɔtuu no adeɛ so, na wamma no anyɛ ɔbaapanin+ bio, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ honi huhuuhu bi a wɔde som abosonnua; ɛno akyi no, Asa twaa honi+ no kɔhyee+ no Kidron subɔn+ no ho. 14 Sorɔnsorɔmmea+ no deɛ, wanyiyi amfiri hɔ.+ Nanso Asa akoma dii mũ wɔ Yehowa ho ne nna nyinaa.+ 15 Na ɔde nneɛma a ne papa yɛɛ no kronkron ne deɛ ɔno ara yɛɛ no kronkron no baa Yehowa fie hɔ, dwetɛ ne sika ne anwenneɛ+ no.
16 Na akodie bɛdaa Asa ne Israel hene Baasa+ ntam wɔn nna nyinaa. 17 Enti Israel hene Baasa baa Yuda so, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔrekyekyere Rama+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara remfiri adi nkɔ Yuda hene Asa nkyɛn na obiara nso remfiri ne nkyɛn mma.+ 18 Ɛnna Asa faa Yehowa fie ne ahemfie akoradeɛ mu dwetɛ ne sika a aka nyinaa de hyɛɛ n’asomfoɔ nsam, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba, Siria hene+ Ben-Hadad+ a ɔte Damasko+ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: 19 “Apam da me ne wo ntam, ne me papa ne wo papa ntam. Merebɛkyɛ+ wo dwetɛ ne sika. Kɔ, na kɔtwa apam a wo ne Israel hene Baasa ayɛ no mu, na ɔmfiri me so nkɔ.”+ 20 Ɛnna Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkuro so, na wɔkɔyɛɛ Eyon+ ne Dan+ ne Abel-Bet-Maaka+ pasaa, ɛne Kineret kɔsii Naftali nsase+ nyinaa so. 21 Na Baasa teeɛ no, ntɛm ara na ɔgyaee Rama+ kyekyerɛ, na ɔtenaa Tirsa.+ 22 Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda+ nyinaa ano a wannya obiara, na wɔkɔsesaa aboɔ ne nnua a na Baasa de rekyekyere Rama no, na ɔde kɔkyekyeree Geba+ wɔ Benyamin ne afei Mispa.+
23 Asa ho nsɛm a aka nyinaa, ne nnwuma akɛseɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne nkuro a ɔkyekyereeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. Nanso ne nkɔkoraaberɛ+ mu no, ɔyaree ne nan.+ 24 Na Asa ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro mu,+ na ne ba Yehosafat+ bɛdii n’adeɛ.
25 Na Yeroboam ba Nadab+ bɛdii Israel so hene, Yuda hene Asa afe a ɛtɔ so mmienu mu; ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu. 26 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔnantee ne papa kwan+ ne bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Israel nso yɛɛ bɔne+ no mu. 27 Na Ahiya ba Baasa+ a ɔfiri Isakar fie bɔɔ ne ho pɔ; Baasa kum no Gibeton+ a ɛwɔ Filistifoɔ asase so berɛ a na Nadab ne Israel nyinaa atwa Gibeton ho ahyia no. 28 Enti Baasa kum no Yuda hene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔdii n’adeɛ.+ 29 Ɔbɛyɛɛ ɔhene ara pɛ, ɔkunkum Yeroboam fiefoɔ nyinaa. Wannya Yeroboam ho nipa biara a home wɔ ne mu; ɔtɔree wɔn nyinaa ase sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahiya so kaeɛ no teɛ;+ 30 Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ+ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne ne abohurudeɛ a ɔyɛ de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no abufuo+ no nti na ɛbaa saa. 31 Nadab ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 32 Akodie bɛdaa Asa ne Israel hene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.+
33 Yuda hene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Ahiya ba Baasa bɛyɛɛ Israel nyinaa so hene wɔ Tirsa mfeɛ aduonu nnan.+ 34 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔnantee Yeroboam kwan+ ne bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Israel nso yɛɛ bɔne+ no mu.