1 Ahemfo
14 Saa berɛ no ara mu na Yeroboam ba Abia yareeɛ.+ 2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Sɔre ɛ, na sakra+ wo ho na obiara anhunu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo. Hwɛ! Ɛhɔ na odiyifoɔ Ahiya+ wɔ. Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ ɔman yi hene.+ 3 Fa paanoo du+ ne paanoo a wɔapete soɔ, ne ɛwoɔ toa+ baako, na kɔhu no.+ Ɔno na ɔbɛka deɛ ɛbɛyɛ abɔfra no akyerɛ woɔ.”+
4 Enti Yeroboam yere yɛɛ saa. Na ɔsɔre kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo.+ Saa berɛ no na Ahiya nhunu adeɛ, na onyini nti n’ani ayɛ kusukusu.+
5 Ná Yehowa aka akyerɛ Ahiya sɛ: “Yeroboam yere reba wo nkyɛn abɛbisa biribi afa ne ba ho ɛfiri sɛ ɔyare. Sei ne sei na ka kyerɛ no. Sɛ ɔba a, ɔbɛsakra ne ho ayɛ ne ho sɛ obi foforɔ.”+
6 Berɛ a Ahiya tee ɔbaa no nan ase wɔ ne kwan ano ara na ɔkaa sɛ: “Yeroboam yere,+ bra mu. Adɛn nti na woasakra wo ho ayɛ wo ho sɛ obi foforɔ berɛ a wɔasoma me sɛ menka asɛm a ano yɛ den nkyerɛ woɔ yi? 7 Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Memaa wo so wɔ me man mu maa wodii me man Israel anim,+ 8 na mehwim+ ahennie no firii Dawid fie de maa wo, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a ɔdii me mmara nsɛm so na ɔde n’akoma nyinaa dii m’akyi, na deɛ ɛtene nko ara na ɔyɛɛ no m’anim+ no; 9 woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii w’anim nyinaa, na woayɛ nyame foforɔ+ ne dadeɛ ahoni+ de ahyɛ me abufuo,+ na me deɛ, woato me atwene w’akyi;+ 10 yei nti mede mmusuo reba Yeroboam fie so, na mɛtwa Yeroboam fie barima+ biara atwene, Israel nipahunu a ɔnni ɔboafoɔ+ mpo; mɛpra Yeroboam fie nyinaa akɔ+ sɛdeɛ obi pra nantwibini kɔto guo no.+ 11 Yeroboam ho nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, nkraman na ɛbɛdi ne nam,+ na deɛ ɔbɛwu wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam,+ ɛfiri sɛ Yehowa na aka.”’
12 “Enti sɔre na kɔ wo fie. Sɛ wo nan si kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu. 13 Israel nyinaa bɛsu no+ na wɔasie no, na ɔno nko ara ne Yeroboam ho nipa a wɔbɛsie no, ɛfiri sɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn ahunu adepa bi wɔ ne ho, Yeroboam fiefoɔ mu.+ 14 Na Yehowa bɛma ɔhene bi so+ wɔ Israel a ɔbɛtwa Yeroboam fie atwene da no, na sɛ ɛba mu saa berɛ yi nso ɛ?+ 15 Yehowa bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire hinhim nsuo mu,+ na ɔbɛtutu+ Israel ase afiri asase pa+ a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na ɔbɛbɔ wɔn apete+ akɔ asubɔnten kɛseɛ+ no agya, abosonnua+ a wɔayeyɛ de ahyɛ Yehowa abufuo+ nti. 16 Na Yeroboam bɔne a wayɛ a ama Israel nso ayɛ bɔne+ nti, ɔbɛpo Israel.”+
17 Ɛnna Yeroboam yere sɔre siim kɔɔ Tirsa.+ Berɛ a ɔreyɛ aduru fie no kwan ano no, abɔfra no wuiɛ. 18 Enti wɔsiee no, na Israel nyinaa suu no sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa odiyifoɔ Ahiya so kaeɛ no teɛ.
19 Yeroboam ho nsɛm a aka, n’akodie+ ne sɛdeɛ ɔdii adeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 20 Nna a Yeroboam de dii hene no si mfeɛ aduonu mmienu, na ɛno akyi no, ɔne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na ne ba Nadab+ bɛdii n’adeɛ.
21 Solomon ba Rehoboam+ nso dii hene wɔ Yuda. Rehoboam bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yerusalem, Israel mmusuakuo+ no nyinaa kuro+ a Yehowa yii sɛ ne din ntena hɔ+ no. Ne maame din de Naama a ɔyɛ Ammonni.+ 22 Na Yuda kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne+ de huruu ne bo+ senee deɛ wɔn agyanom de wɔn bɔne yɛeɛ no nyinaa.+ 23 Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea+ ne abosom adum+ ne abosonnua+ wɔ nkokoɔ atenten+ nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase. 24 Ná asɔrefie mmarima nnwamanfoɔ mpo wɔ asase no so.+ Wɔyɛɛ akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ nyinaa bi.+
25 Ɛbaa sɛ Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so. 26 Na ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ ne ahemfie hɔ akoradeɛ+ no. Ɔfaa biribiara;+ ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛeɛ no nyinaa nso.+ 27 Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ammirikatufoɔ+ a wɔwɛn ahemfie pono ano+ no mpanimfoɔ nsa. 28 Na berɛ biara a ɔhene bɛba Yehowa fie hɔ no, ammirikatufoɔ no ba bɛsesa, na wɔsan de kɔ awɛmfoɔ dan+ no mu.
29 Rehoboam ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 30 Akodie bɛdaa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa.+ 31 Na Rehoboam ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu. Ne maame din de Naama a ɔyɛ Ammonni.+ Na ne ba Abiam+ bɛdii n’adeɛ.