7 Mɛtua wɔn ara wɔn amumuyɔ ne wɔn agyanom amumuyɔ so ka prɛko,”+ Yehowa na aka. “Ɛsiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so, na wɔbɔɔ me ahohora+ wɔ nkokoɔ soɔ+ nti, me nso, deɛ ɛdi kan koraa no, mɛsusu wɔn akatua de agu wɔn kokom.”+
20 “‘Mefiri tete na mebubuu wo kɔndua+ mu asinasini; metetee wo nkyehoma mu. Nanso wokaa sɛ: “Merensom wo,” ɛfiri sɛ wodaa+ nkokoɔ atenten nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa ase bɔɔ adwaman.+
13 Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ so,+ na wɔma wɔn afɔrebɔdeɛ tu wisie wɔ nkokoɔ so,+ dupɔn ne duafufuo ne dua kɛseɛ ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ.+ Enti mo mma mmaa bɔ adwaman na mo nsenom sɛe awareɛ.