Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
14 Saa berɛ no, Yeroboam ba Abia yaree. 2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Mesrɛ wo, sɔre na siesie wo ho sɛdeɛ obiara renhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo. Hwɛ! Odiyifoɔ Ahiya wɔ hɔ. Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ ɔman yi hene.+ 3 Fa paanoo du ne keeki, na fa ɛwoɔ gu toa mu, na kɔhu no. Ɔbɛka deɛ ɛbɛto abɔfra no akyerɛ wo.”
4 Yeroboam yere yɛɛ saa. Ɔsɔre kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo.+ Saa berɛ no, na Ahiya ani gu so kwa; ɔnyini nti, na ɔnhunu adeɛ.
5 Nanso na Yehowa adi kan aka akyerɛ Ahiya sɛ: “Yeroboam yere reba wo nkyɛn abɛbisa ne ba ho asɛm afiri wo hɔ, ɛfiri sɛ abɔfra no yare. Mɛkyerɛ wo deɛ ka kyerɛ no.* Sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ ne ho sɛ obi foforɔ.”
6 Berɛ a Ahiya tee ɔbaa no nan ase wɔ ne kwan ano no, ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Yeroboam yere, bra mu. Adɛn nti na woayɛ wo ho sɛ obi foforɔ? Wɔasoma me sɛ menka asɛm a ano yɛ den nkyerɛ wo. 7 Kɔ na kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Meyii wo firii wo nkurɔfoɔ mu sɛ di me man Israel anim.+ 8 Ɛnna mehwim ahennie no firii Dawid fie de maa wo,+ nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a ɔdii me mmara nsɛm so na ɔde n’akoma nyinaa dii m’akyi, na deɛ ɛtene nko ara na ɔyɛɛ wɔ m’anim no.+ 9 Woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii wo kan nyinaa, na woayɛ nyame foforɔ ne dadeɛ ahoni* de ahyɛ me abufuo;+ woadane w’akyi akyerɛ me.+ 10 Wei nti mede mmusuo reba Yeroboam fie so, na Yeroboam fie barima* biara, mɛku no,* Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mɛku no. Mɛpra Yeroboam fie nyinaa ato agu+ sɛdeɛ obi pra nantwibini kɔto gu no. 11 Yeroboam ho nipa biara a ɔbɛwu wɔ kurom no, nkraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wɔ wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam, ɛfiri sɛ Yehowa na aka.”’
12 “Enti sɔre na kɔ wo fie. Sɛ woduru kuro no mu a, abɔfra no bɛwu. 13 Israel nyinaa bɛsu no na wɔasie no. Ɔno nko ara ne obi a ɔwɔ Yeroboam abusua mu a wɔbɛsie no, ɛfiri sɛ Yeroboam fie nyinaa, ɔno nko ara na Yehowa, Israel Nyankopɔn ahu adepa bi wɔ ne ho. 14 Da bi reba a Yehowa bɛyi ɔhene bi abɛdi adeɛ wɔ Israel, na ɔbɛsɛe Yeroboam fie;*+ saa da no aduru awie. 15 Abosonnua*+ a Israel ayeyɛ de ahyɛ Yehowa abufuo nti, Yehowa bɛbɔ wɔn ahwe hɔ ama wɔayɛ sɛ demmire* a ɛrehinhim wɔ nsuo mu. Ɔbɛtu Israel ase afiri asaase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so,+ na ɔbɛbɔ wɔn ahwete akɔsi Asubɔnten no* agya.+ 16 Na Yeroboam bɔne a wayɛ a ama Israel nso ayɛ bɔne nti, ɔbɛpo Israel.”+
17 Ɛnna Yeroboam yere sɔre siim kɔɔ Tirsa. Berɛ a ɔreyɛ aduru fie no kwan ano no, abɔfra no wui. 18 Enti wɔsiee no, na Israel nyinaa suu no, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa odiyifoɔ Ahiya so kaeɛ no baa mu.
19 Yeroboam ho nsɛm a aka, n’akodie+ ne sɛdeɛ ɔdii adeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 20 Mfeɛ* dodoɔ a Yeroboam de dii hene no si mfeɛ 22, na ɛno akyi no, ɔne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Nadab bɛdii n’adeɛ.+
21 Solomon ba Rehoboam nso dii hene wɔ Yuda. Berɛ a Rehoboam bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 41, na ɔdii adeɛ mfeɛ 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuo no nyinaa kuro a Yehowa yii+ sɛ ne din ntena.+ Rehoboam maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ 22 Na Yuda kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ no abufuo mpo kyɛn wɔn agyanom deɛ.+ 23 Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea,* abosom adum, ne abosonnua*+ wɔ nkokoɔ atenten nyinaa so+ ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+ 24 Wokɔ asaase no so a, na tuutuufoɔ mmarima nso wɔ asɔrefie hɔ.+ Akyiwadeɛ a aman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no, wɔyɛɛ ne nyinaa bi.
25 Ɔhene Rehoboam ahennie afe a ɛtɔ so nnum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so.+ 26 Ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ ne ahemfie* hɔ akoradeɛ no.+ Ɔfaa biribiara; sika kɔkɔɔ akyɛm a Solomon yɛeɛ no nso, ɔfaa ne nyinaa.+ 27 Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ahemfie* pono ano awɛmfoɔ* no mpanimfoɔ nsa. 28 Berɛ biara a ɔhene bɛba Yehowa fie hɔ no, awɛmfoɔ no kɔfa kurakura, na ɛno akyi no wɔsan de kɔ awɛmfoɔ dan no mu.
29 Rehoboam ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.+ 30 Ntɔkwa ampa Rehoboam ne Yeroboam ntam da.+ 31 Rehoboam ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu.+ Ne maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ Ne ba Abiam*+ bɛdii n’adeɛ.