Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Ahemfo 7:51
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 51 Ɔhene Solomon wiee Yehowa fie no ho adwuma a ɔyɛeɛ no nyinaa. Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no bɛguu Yehowa fie adekora adan no mu.+

  • 1 Ahemfo 15:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Ɛnna Asa de Yehowa fie ne ahemfie* akoradeɛ mu dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a aka nyinaa maa n’asomfoɔ, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba Siria hene Ben-Hadad+ a ɔte Damasko no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:

  • 2 Ahemfo 18:14, 15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Afei Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Manyɛ no yie. San kɔ, na ɛboɔ a wobɛtwa ama me biara, mɛtua.” Enti Asiria hene kaa sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ* 300 ne sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 30. 15 Ɛnna Hesekia de dwetɛ a ɛwɔ Yehowa fie ne ɔhene fie* akoradeɛ mu no nyinaa maa no.+

  • 2 Ahemfo 24:12, 13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Yuda hene Yehoiakin firii adi kɔɔ Babilon hene nkyɛn,+ ɔne ne maame, n’asomfoɔ, n’adehyeɛ, ne n’ahemfie mpanimfoɔ,+ na Babilon hene ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, Babilon hene no kyee no de no kɔeɛ.+ 13 Afei ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ ne ɔhene fie* akoradeɛ nyinaa kɔe,+ na ɔtwitwaa sika anwenneɛ a Israel hene Solomon yɛɛ no Yehowa asɔredan mu+ no nyinaa mu asinasini. Sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ nkɔm no, saa ara na ɛbaeɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane