9 Wɔn a wɔsene ahoni nyinaa yɛ nnipahunu,+ na mfasoɔ biara nni adeɛ a wɔn ani gye ho no so;+ wɔn adansefoɔ yi nhunu adeɛ na wɔnnim hwee,+ enti wɔn ani bɛwu.+
14 Nnipa nyinaa nni nteaseɛ ma enti wɔnni nimdeɛ.+ Ɔtomfoɔ biara ani bɛwu ne honi a wayɛ ho,+ ɛfiri sɛ ne dadeɛ honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+