13 Sorɔnsorɔmmea a ɛwowɔ Yerusalem anim+ wɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ no nifa soɔ, deɛ Israel hene Solomon+ sisi maa Sidonfoɔ atantanneɛ Astoret+ ne Moabfoɔ atantanneɛ Kemos+ ne Ammonfoɔ atantanneɛ Milkom+ no, ɔhene guu ho fĩ.
17 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu? Ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fie bɛyɛ abofonodeɛ a wɔreyɛ no ha yi de amumuyɔ+ ahyɛ asase no so mã, na wɔasan abɛyi me ahi de duban* aka me hwene?