Hesekiel
8 Afe a ɛtɔ so nsia, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so nnum a mete fie na Yuda mpanimfoɔ tete m’anim+ no, Awurade Tumfoɔ Yehowa nsa tɔɔ me so wɔ hɔ.+ 2 Afei mehunuu biribi te sɛ egya;+ na ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene de reba fam no yɛ egya,+ na ɛfiri n’asene de rekɔ soro nso mehunuu biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ gonn.+ 3 Na ɔtenee biribi te sɛ nsa+ de sɔɔ me tiri nwi mu, na honhom+ bi maa me so faa asase ne ɔsoro ntam kɔɔ Yerusalem wɔ Onyankopɔn anisoadehunu mu+ kɔpuee ponkɛseɛ+ a ɛhwɛ atifi fam a ɛkɔ ɛdan no mfimfini no ano, baabi a ninkuntwe honi a ɛyi Onyankopɔn ahi sie no.+ 4 Na mehunuu Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ hɔ+ te sɛ biribi a mehunuu no asasetamaa soɔ no.
5 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma w’ani so hwɛ atifi fam.” Ɛnna memaa m’ani so hwɛɛ atifi fam, na mehunuu ninkuntwe honi+ no sɛ ɛsi afɔrebukyia no pono ano wɔ atifi fam. 6 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu abofonodeɛ akɛseɛ a wɔreyɛ yi,+ deɛ Israel fie reyɛ wɔ ha a ama matwe me ho afiri me kronkronbea+ ho kɔ akyirikyiri no? Na wobɛsan ahunu abofonodeɛ akɛseɛ bio.”
7 Enti ɔde me baa adihɔ no pono ano, na mehunuu tokuro bi wɔ fasuo no mu. 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, tu ɔfasuo no mu tokuro.”+ Enti metuu ɔfasuo no mu tokuro nkakrankakra, na mehunuu sɛ ɛkwan bi wɔ hɔ. 9 Na ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Kɔ mu kɔhwɛ abofonodeɛ tantan a wɔreyɛ wɔ ha.”+ 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔn ho yɛ nwunu+ nyinaa ne Israel fie abosom fĩ+ nyinaa nsɛsoɔ+ a wɔakurukyire wɔ ɔfasuo no ho nyinaa. 11 Ná Israel fie mpanimfoɔ aduɔson+ a Safan+ ba Yaasania ka wɔn ho gyinagyina ɔfasuo no anim, na na obiara kura adeɛ a wɔde hye aduhwam a wisie hwamhwam firi mu reforo kɔ soro.+ 12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ no reyɛ no sum mu,+ deɛ obiara reyɛ wɔ n’abosonnan mu no? Na wɔka sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn.+ Yehowa agya asase no.’”
13 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Wobɛsan ahunu abofonodeɛ akɛseɛ a wɔreyɛ bio.”+ 14 Enti ɔde me baa Yehowa fie pono a ɛhwɛ atifi fam no ano, na hwɛ, mmaa bi tete hɔ resu onyame Tamus.
15 Na ɔka kyerɛɛ me bio sɛ: “Onipa ba, woahunu? Wobɛsan ahunu abofonodeɛ+ akɛseɛ a ɛsene yeinom mpo.” 16 Enti ɔde me baa Yehowa fie+ adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no, na hwɛ, Yehowa asɔrefie kwan ano, abrannaa no ne afɔrebukyia no ntam no,+ mehunuu mmarima aduonu nnum+ a wɔn akyi kyerɛ Yehowa asɔrefie+ no na wɔn anim hwɛ apueeɛ fam a wɔrekoto awia+ wɔ apueeɛ fam.
17 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu? Ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fie bɛyɛ abofonodeɛ a wɔreyɛ no ha yi de amumuyɔ+ ahyɛ asase no so mã, na wɔasan abɛyi me ahi de duban* aka me hwene? 18 Na me nso, me ne wɔn bɛdi no anibereɛ so.+ Merenhu wɔn mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn.+ Na wɔbɛteam dendeenden agu m’asom, nanso merentie wɔn.”+