Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 4:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Anyɛ saa a, mobɛma mo ani so ahwɛ soro ahunu awia ne bosome ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na ɛbɛgyegye mo ama moasom wɔn.+ Yeinom na Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.+

  • Deuteronomium 17:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Sɛ ɔkɔsom anyame foforɔ anaa ɔkoto awia anaa bosome anaa ɔsoro asafo+ biara a menhyɛɛ wɔn,+

  • 2 Ahemfo 17:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Wɔgyaa Yehowa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ nyinaa, na wɔyeyɛɛ dadeɛ ahoni,+ anantwie mma+ mmienu, na wɔyɛɛ bosom dua,+ na wɔkotoo ɔsoro asafo+ nyinaa, na wɔsom Baal;+

  • 2 Ahemfo 23:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na ananafoɔ anyame no asɔfoɔ a Yuda ahemfo de wɔn sisii hɔ sɛ wɔnhye afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ wɔ Yuda nkuro mu ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Yerusalem no, ɔguu wɔn adwuma no; wɔn a na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma Baal+ ne awia ne bosome ne sodiak nsorommakuo ne ɔsoro asafo+ nyinaa nso, ɔguu wɔn adwuma no.

  • Hiob 31:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Sɛ mehunuu awia hann sɛ ɛhyerɛn,

      Anaa bosome fɛfɛ sɛ ɛnam ne kwan mu,+

  • Yeremia 8:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Na wɔbɛtrɛtrɛ mu akyerɛ awia ne bosome ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn na wɔsom wɔn, na wɔdii wɔn akyi,+ na wɔhwehwɛɛ wɔn akyiri kwan, na wɔkotoo wɔn no.+ Wɔremmoa ano, na wɔrensie. Ɛbɛyɛ sumina asase ani.”+

  • Yeremia 44:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 mmom asɛm a afiri yɛn anom+ aba no ara na yɛbɛyɛ, na yɛbɛhye afɔrebɔdeɛ ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã+ ama no sɛdeɛ yɛn+ ne yɛn agyanom+ ne yɛn ahemfo+ ne yɛn mpanimfoɔ yɛɛ no Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so berɛ a na yɛdidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yɛnhunu mmusuo biara no.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane