19 Anyɛ saa a, mobɛma mo ani so ahwɛ soro ahunu awia ne bosome ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na ɛbɛgyegye mo ama moasom wɔn.+ Yeinom na Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.+
5 Na ananafoɔ anyame no asɔfoɔ a Yuda ahemfo de wɔn sisii hɔ sɛ wɔnhye afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ wɔ Yuda nkuro mu ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Yerusalem no, ɔguu wɔn adwuma no; wɔn a na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma Baal+ ne awia ne bosome ne sodiak nsorommakuo ne ɔsoro asafo+ nyinaa nso, ɔguu wɔn adwuma no.
2 Na wɔbɛtrɛtrɛ mu akyerɛ awia ne bosome ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn na wɔsom wɔn, na wɔdii wɔn akyi,+ na wɔhwehwɛɛ wɔn akyiri kwan, na wɔkotoo wɔn no.+ Wɔremmoa ano, na wɔrensie. Ɛbɛyɛ sumina asase ani.”+