19 Anyɛ saa a, mobɛma mo ani so ahwɛ soro ahunu awia ne bosome ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na ɛbɛgyegye mo ama moasom wɔn.+ Yeinom na Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.+
3 Sorɔnsorɔmmea a ne papa Hesekia bubuiɛ no, ɔsan sisiiɛ,+ na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal; ɔsii bosom dua sɛdeɛ Israel hene Ahab+ yɛeɛ no; ɔkotoo+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+
13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie a ɛho agu fĩ no, kyerɛ sɛ, afie a ɛwowɔ adan atifi a wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ ma ɔsoro asafo+ nyinaa a wɔhwie afɔrebɔ nsã wɔ hɔ ma anyame foforɔ+ no, ne nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.’”+