12 Na afɔrebukyia a Yuda ahemfo yeyɛeɛ a ɛwowɔ Ahas abansoro pia atifi+ ne afɔrebukyia+ a Manase sisii no Yehowa fie adihɔ mmienu no, ɔhene bubuiɛ na ɔyam no hɔ, na ɔtoo mfuturo no guu Kidron subɔn no mu.
3 Sorɔnsorɔmmea+ a ne papa Hesekia bubuiɛ+ no, ɔsan sisiiɛ, na ɔsisii afɔrebukyia+ maa Baal+ ahoni; ɔsisii abosonnua,+ ɔkotoo+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+
13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie a ɛho agu fĩ no, kyerɛ sɛ, afie a ɛwowɔ adan atifi a wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ ma ɔsoro asafo+ nyinaa a wɔhwie afɔrebɔ nsã wɔ hɔ ma anyame foforɔ+ no, ne nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.’”+
29 Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi redi ako no bɛba de egya abɛto kuro yi mu, na wɔahye+ ɛne afie a wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ n’atifi ma Baal na wɔhwie afɔrebɔ nsa wɔ hɔ ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo no.’+