Yeremia
19 Deɛ Yehowa kaeɛ nie: “Kɔ na kɔfa ɔnwemfoɔ+ ahina, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho, 2 na firi adi kɔ Hinom ba bɔn+ a ɛwɔ Anwemfoɔ Pono ano no mu. Ɛhɔ na ka nsɛm a mɛka akyerɛ woɔ no.+ 3 Ka sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ.+ Deɛ asafo Yehowa,+ Israel Nyankopɔn no aka nie:
“‘“Hwɛ, mede mmusuo reba ha, na obiara a ɔbɛteɛ no, n’asom bɛyɛ no yonn,+ 4 ɛfiri sɛ wɔagya me,+ na wɔasẽsa ha yi koraa;+ wɔakɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ a wɔnnim wɔn,+ wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo, na wɔde wɔn a wɔdi bem mogya ahyɛ ha ma.+ 5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde egya bɛhye wɔn mma de abobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Baal,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa na menkaa hwee nkyerɛɛ wɔn,+ na ɛmmaa m’akomam da.”’+
6 “‘“Ɛno nti, hwɛ,” Yehowa asɛm nie, “nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet,+ anaa Hinom ba bɔn+ bio, na mmom wɔbɛfrɛ no okum bɔn. 7 Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyinatuo ayɛ ɔkwa ɛha yi,+ na mɛma wɔatotɔ nkrantɛ ano, wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam.+ Na mede wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asase so mmoa.+ 8 Obiara a ɔbɛhunu kuro yi no, ne ho bɛdwiri no, na ɔbɛbɔ hwerɛma.+ Obiara a ɔbɛtwam ha no, mmusuo no nti, ɔde ahodwirie bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma.+ 9 Mɛma wɔadi wɔn mma mmarima nam ne wɔn mma mmaa nam, na obiara bɛdi ne yɔnko nam, ahokyerɛ ne ahohia a wɔn atamfo ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra de bɛdwan wɔn ho nti.”’+
10 “Afei bɔ ahina no wɔ mmarima a wo ne wɔn kɔeɛ no anim. 11 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Sɛdeɛ wɔbɔ ɔnwemfoɔ anwenneɛ a wɔntumi nyɛ no yie bio no,+ saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi, na wɔbɛsie wɔn Tofet+ akɔsi sɛ wɔrennya baabi nsie wɔn bio.”’+
12 “‘Saa na mɛyɛ ɛha yi ne wɔn a wɔtete ha,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛyɛ kuro yi sɛ Tofet.+ 13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie a ɛho agu fĩ no, kyerɛ sɛ, afie a ɛwowɔ adan atifi a wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ ma ɔsoro asafo+ nyinaa a wɔhwie afɔrebɔ nsã wɔ hɔ ma anyame foforɔ+ no, ne nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.’”+
14 Ɛnna Yeremia firi Tofet,+ baabi a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm no, baeɛ, na ɔbɛgyinaa Yehowa fie adihɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ:+ 15 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo a maka atia kuro yi nyinaa reba kuro yi ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn sɛ wɔrentie m’asɛm.’”+