Yeremia
18 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Sɔre sim kɔ ɔnwemfoɔ+ fie, na ɛhɔ na mɛma woate me nsɛm.”
3 Ɛnna mesiim kɔɔ ɔnwemfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ adwuma wɔ ɔnwemfoɔ afidie so. 4 Ɔnwemfoɔ no nsa sɛee anwenneɛ a na ɔde dɔteɛ reyɛ no, enti ɔsan de yɛɛ anwenneɛ foforɔ sɛdeɛ ɛtene ɔnwemfoɔ no ani so sɛ ɔbɛyɛ.+
5 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: 6 “‘O Israel fie, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwemfoɔ yi ayɛ yi anaa?’ Yehowa asɛm nie. ‘Hwɛ! sɛdeɛ dɔteɛ teɛ ɔnwemfoɔ nsam no, saa ara na mo nso moteɛ wɔ me nsam, O Israel fie.+ 7 Berɛ biara a mɛkasa atia ɔman bi ne ahennie bi sɛ mɛtutu aseɛ na madwiri agu asɛe no+ no, 8 sɛ ɔman no dane firi ne bɔne a mekasa tiaeɛ no ho+ a, me nso megyae mmusuo a mebɔɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn soɔ no.+ 9 Na berɛ biara nso a mɛka ɔman ne ahennie bi ho asɛm sɛ mɛkyekyere na masiesie no,+ 10 sɛ wɔyɛ bɔne m’ani so, na wɔantie me nne+ a, me nso megyae adepa a mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ ama wɔn no.’
11 “Enti afei, mesrɛ wo, ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mabɔ me tirim sɛ mede mmusuo bɛba mo so; manya mo ho adwene bi.+ Monnane mfiri mo akwammɔne ho ɛ, na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.”’”+
12 Na wɔkaa sɛ: “Mfasoɔ biara nni so!+ Yɛn ara yɛn nsusuiɛ mu na yɛbɛnanteɛ, na obiara bɛyɛ n’akoma bɔne atuateɛ so adeɛ.”+
13 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Monkɔbisa amanaman no mu ɛ. Hwan na wate adeɛ yi bi pɛn? Ahodwirideɛ paa na Israel baabunu no ayɛ.+ 14 Lebanon sukyerɛmma bɛtumi asã wɔ kwaeɛ mu ɔbotan so anaa? Na amannɔne nsuo nwununwunu a ɛretene bɛtumi awe? 15 Me man deɛ, wɔn werɛ afiri me,+ na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma adeɛ a mfasoɔ nni soɔ,+ na wɔto nnipa suntidua wɔn akwan mu,+ wɔ tete akwan no so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa atempɔn a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka soɔ, 16 na wɔn asase no ayɛ ahodwirideɛ+ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma daa.+ Obiara a ɔbɛtwam hɔ no de ahodwirie bɛhwɛ na wawoso ne ti.+ 17 Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa abɔ wɔn ahwete atamfo anim.+ Wɔn ahohia da mu, mede m’akyi na ɛbɛkyerɛ wɔn, na ɛnyɛ m’anim.”+
18 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Mommra mma yɛnkɔbɔ Yeremia ho pɔ,+ ɛfiri sɛ mmara renyera mfiri asɔfoɔ nkyɛn,+ na afotuo remfiri anyansafoɔ nsam, na asɛm rempa adiyifoɔ anom.+ Mommra mma yɛmfa yɛn kɛtrɛma+ mmoro no, na mommma yɛnntie n’asɛm biara.”
19 O Yehowa, yɛ aso ma me, na tie m’atamfo nsɛm no.+ 20 Bɔne na wɔde retua papa so ka anaa?+ Wɔn deɛ, wɔatu amena ama me kra.+ Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim kaa wɔn ho asɛmpa sɛ dane w’abufuo firi wɔn soɔ+ no. 21 Ɛno nti, yi wɔn mma hyɛ ɛkɔm nsa,+ na fa wɔn hyɛ nkrantɛ nsa.+ Ma wɔn yerenom nhwere wɔn mma na ma wɔnyɛ akunafoɔ.+ Ma owuyareɛ nkunkum wɔn mmarima, na wɔmfa nkrantɛ mmobɔ wɔn mmeranteɛ wɔ ko mu. + 22 Ma wɔnte esu wɔ wɔn afie mu berɛ a wode afomfoɔ aba wɔn so mpofirem no,+ ɛfiri sɛ wɔatu amena de repɛ me ayi me, na wɔasunsum mfidie ahunta me nan.+
23 O Yehowa, wo ara wonim me ho pɔ a wɔabɔ sɛ wɔbɛku me no.+ Nkata wɔn bɔne so, na wɔn amumuyɔ no, mpepa mfiri w’anim.+ Ma wɔnhwe ase w’anim. W’abufuo mu na wo ne wɔn nnie.+