Leviticus 26:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Na mɛbɔ mo apete amanaman mu+ na matwe nkrantɛ adi mo akyi.+ Mo asase bɛsɛe+ na mo nkuro adane amamfõ. Yeremia 19:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Obiara a ɔbɛhunu kuro yi no, ne ho bɛdwiri no, na ɔbɛbɔ hwerɛma.+ Obiara a ɔbɛtwam ha no, mmusuo no nti, ɔde ahodwirie bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma.+ Yeremia 49:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 “Maka me ho ntam,”+ Yehowa asɛm nie, “sɛ ahodwirideɛ+ ne ahohoradeɛ ne amamfõ ne nnome na Bosra+ bɛyɛ, na ne nkuro nyinaa nso bɛdane amamfõ akɔsi daa.”+ Hesekiel 6:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na mɛtene me nsa wɔ wɔn so+ na mama asase no adane amamfõ, na ɛbɛsɛe asene serɛ a ɛda Dibla ho, wɔn tenabea nyinaa. Na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.’”
33 Na mɛbɔ mo apete amanaman mu+ na matwe nkrantɛ adi mo akyi.+ Mo asase bɛsɛe+ na mo nkuro adane amamfõ.
8 Obiara a ɔbɛhunu kuro yi no, ne ho bɛdwiri no, na ɔbɛbɔ hwerɛma.+ Obiara a ɔbɛtwam ha no, mmusuo no nti, ɔde ahodwirie bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma.+
13 “Maka me ho ntam,”+ Yehowa asɛm nie, “sɛ ahodwirideɛ+ ne ahohoradeɛ ne amamfõ ne nnome na Bosra+ bɛyɛ, na ne nkuro nyinaa nso bɛdane amamfõ akɔsi daa.”+
14 Na mɛtene me nsa wɔ wɔn so+ na mama asase no adane amamfõ, na ɛbɛsɛe asene serɛ a ɛda Dibla ho, wɔn tenabea nyinaa. Na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.’”