Hesekiel
6 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ na hyɛ wɔn+ nkɔm.+ 3 Na ka sɛ, ‘O Israel mmepɔ, montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm:+ Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ,+ nsubɔn ne abɔn nie: “Menie! Mede nkrantɛ reba mo so abɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea.+ 4 Mo afɔrebukyia bɛsɛe+ na mo aduhwam adeɛ abubu. Na mɛma mo nkurɔfoɔ atotɔ wɔ mo abosom fĩ anim.+ 5 Mede Israelfoɔ afunu bɛgu wɔn abosom fĩ anim, na mɛbɔ mo nnompe apete mo afɔrebukyia ho nyinaa ahyia.+ 6 Nkuro a motete mu+ nyinaa bɛsɛe pasaa,+ mo sorɔnsorɔmmea bɛdane amamfõ na ada mpan,+ mo afɔrebukyia bɛsi hɔ kwa na abubu,+ mo abosom fĩ bɛyera,+ wɔbɛtwitwa mo aduhwam adeɛ agu+ na wɔapepa mo nsa ano adwuma nyinaa. 7 Nnipa bɛtotɔ mo mfimfini,+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+
8 “‘“Na sɛ mobɔ hwete nsase so a, mɛma mo mu nkaefoɔ bi adwane afiri nkrantɛ ano wɔ amanaman no mu.+ 9 Na wo nkurɔfoɔ a wɔanya wɔn tiri adidi mu no bɛkae me wɔ aman a wɔafa wɔn nkoa no mu,+ sɛdeɛ wɔde wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho+ ne wɔn adwamammɔ aniwa a ɛdi abosom fĩ+ akyi no abubu m’akoma no, na abofonodeɛ ne nneɛma bɔne a wɔayɛ nyinaa bɛma wɔafɛre.+ 10 Wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa, na ɛnyɛ anohunu+ na mede kaa sɛ mɛma mmusuo aba wɔn soɔ.”’+
11 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Israel fie amumuyɔdeɛ ne n’akyiwadeɛ nyinaa nti, bɔ wo nsam+ na fa wo nan pem hɔ ka sɛ: “Ao!”+ ɛfiri sɛ wɔbɛtotɔ nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ ano.+ 12 Deɛ ɔwɔ akyirikyiri no,+ owuyareɛ bɛku no; deɛ ɔbɛn no, ɔbɛtɔ nkrantɛ ano; deɛ wafiri mu aka ama wɔakora ne soɔ no, ɛkɔm bɛku no, na mɛwie m’abufuo wɔn so.+ 13 Na sɛ wɔn nkurɔfoɔ wuwu gu wɔn abosom fĩ ntam,+ wɔn afɔrebukyia ho nyinaa,+ nkokoɔ atenten nyinaa so,+ mmepɔ nyinaa so,+ ne nnua kusuu+ ne nnua frɔmfrɔm nyinaa bi ase,+ faako a wɔbɔ afɔdeɛ hwamhwam ma wɔn abosom fĩ+ nyinaa no a, mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+ 14 Na mɛtene me nsa wɔ wɔn so+ na mama asase no adane amamfõ, na ɛbɛsɛe asene serɛ a ɛda Dibla ho, wɔn tenabea nyinaa. Na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.’”