Hesekiel
6 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ na hyɛ nkɔm tia wɔn. 3 Ka sɛ, ‘O Israel mmepɔ, montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm: Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnten ne nsubɔn nie: “Hwɛ! Mɛtwe mo so sekan, na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea.* 4 Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia ne nneɛma a mode hye aduhwam no.+ Na mɛto mo nkurɔfoɔ a wɔawuwuo no agu mo abosom fĩ* anim.+ 5 Mɛto Israelfoɔ afunu agu wɔn abosom fĩ anim, na mɛbɔ mo nnompe apete mo afɔrebukyia ho nyinaa ahyia.+ 6 Nkuro a motete mu nyinaa wɔbɛsɛe no pasaa,+ na wɔbɛdwiri mo sorɔnsorɔmmea agu na ada mpan. Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia no pasaa,+ wɔbɛsɛe mo abosom fĩ no, wɔbɛtwitwa nneɛma a mode hye aduhwam no agu, na wɔbɛsɛe mo nsa ano adwuma nyinaa. 7 Nnipa bɛwuwu mo mfimfini,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+
8 “‘“Nanso sɛ mobɔ hwete nsaase no nyinaa so a, mɛma mo mu bi adwane afiri sekan ano wɔ amanaman no mu.+ 9 Na nkurɔfoɔ a wɔanya wɔn tiri adidi mu no bɛkae me wɔ aman a wɔakye wɔn kɔ so no mu.+ Wɔbɛhu sɛ m’akoma abubu, ɛfiri sɛ wɔn akoma anni me nokorɛ* na atwe afiri me ho,+ na wɔde akɔnnɔ aniwa* dii wɔn abosom fĩ akyi.+ Nneɛma bɔne ne akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa bɛyɛ wɔn tan na wɔn ani awu.+ 10 Wɔbɛhu sɛ mene Yehowa, na mmusuo a mekaa sɛ mede bɛba wɔn so no, na ɛnyɛ ahunahuna kɛkɛ.”’+
11 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Israel fie amumuyɛdeɛ ne n’akyiwadeɛ nyinaa nti, bɔ wo nsam na fa wo nan pempem hɔ na di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ sekan, ɛkɔm, ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛkunkum wɔn.+ 12 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no, nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛkunkum wɔn; wɔn a wɔbɛn no, wɔbɛwuwu sekan ano; wɔn a wɔbɛfiri mu aka no, ɛkɔm bɛkunkum wɔn, na mɛhwie m’abufuo nyinaa agu wɔn so.+ 13 Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa+ berɛ a wɔn nkurɔfoɔ awuwu gu wɔn abosom fĩ ntam, wɔn afɔrebukyia ho nyinaa,+ nkokoɔ atenten nyinaa so, mmepɔ nyinaa so, ne nnua kusuu ne nnua akɛseɛ ase, faako a wɔbɔ afɔreɛ hwamhwam ma wɔn abosom fĩ nyinaa no.+ 14 Mɛtene me nsa wɔ wɔn so na mama asaase no asɛe pasaa, na wɔn tenabea nyinaa bɛsɛe asene ɛserɛ a ɛbɛn Dibla no. Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”