Hesekiel
5 “Na wo, onipa ba, fa sekan nnamnam yɛ yiwan yi wo tiri nwi ne w’abɔdwesɛ. Afei fa nsenia* kari nwi no na kyekyɛ mu. 2 Sɛ nna a wode bɛka kuro no ahyem no ba awieeɛ+ a, kyɛ nwi no mu mmiɛnsa na hye emu baako wɔ kuro no mu. Baako nso, fa sekan twitwa no kuro no afã nyinaa.+ Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no nso, pete bi gu mframa mu, na mɛtwe sekan adi wɔn akyi.+
3 “Afei fa kakra na kyekyere no w’ataadeɛ ano. 4 Bio nso, san fa bi gu gya mu na hye. Egya bɛfiri wei mu atrɛ akɔ Israel fie nyinaa.+
5 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ne sɛ: ‘Yerusalem nie. Mede no asi amanaman mfimfini, na aman atwa ne ho nyinaa ahyia. 6 Nanso wasɔre atia m’atemmusɛm ne m’ahyɛdeɛ na wayɛ bɔne asene aman ne nkuro a atwa ne ho ahyia nyinaa,+ ɛfiri sɛ wapo m’atemmusɛm na wanni m’ahyɛdeɛ so.’
7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ na mo ho yɛ ahomete sene aman a atwa mo ho ahyia, na moanni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so, na modii aman a atwa mo ho ahyia no atemmusɛm so nti,+ 8 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Wo saa kuro yi, me ne wo wɔ asɛm,+ na mɛbu wo atɛn wɔ aman nyinaa anim.+ 9 Akyiwadeɛ a woayɛ yi nyinaa nti,+ mɛyɛ wo adeɛ a menyɛɛ bi da, na merenyɛ biribi saa bio.
10 “‘“Enti agyanom a wɔwɔ wo mu bɛwe wɔn mma,+ na mma awe wɔn agyanom, na mɛbu wo atɛn, na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu nso, mɛbɔ wɔn nyinaa ahwete baabiara.”’*+
11 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi deɛ, ɛsiane sɛ me kronkronbea na wode w’abosom fĩ ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu ho fĩ nti,+ me nso mɛpo* wo na merenhu wo mmɔbɔ, na me yam renhyehye me mma wo.+ 12 Nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛkunkum wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na ɛkɔm ahye wɔn ase. Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛwuwu sekan ano+ atwa wo ho ahyia. Na baako a aka no nso, mɛbɔ wɔn ahwete baabiara* na matwe sekan adi wɔn akyi.+ 13 Afei m’abufuo to bɛtwa, na m’ani a abere wɔn so no bɛkɔ fam na me bo adwo.+ Na sɛ m’abufuo ba wɔn so wie a, wɔbɛhu sɛ me Yehowa na makasa, ɛfiri sɛ mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+
14 “‘Mɛma wɔasɛe wo pasaa na w’anim agu ase wɔ aman a atwa wo ho ahyia nyinaa ne obiara a ɔbɛtwam anim.+ 15 Aman a atwa wo ho ahyia no bɛgu w’anim ase na wɔatwa wo adapaa,+ na berɛ a mede abufuo abu wo atɛn na mede aniberɛ atwe w’aso no, wobɛyɛ sɛnnahɔ na amanaman no hu wo a, wɔn ho adwiri wɔn. Me Yehowa na maka.
16 “‘Mede ɛkɔm bɛba wɔn so te sɛ agyan a ɛyɛ hu de asɛe wɔn. Agyan a mede bɛba mo so no bɛsɛe mo.+ Mɛma aduane ho ayɛ den ama mo na ɛkɔm no ayɛ kɛse.*+ 17 Mɛsoma ɛkɔm ne mmoa bɔne abɛkunkum mo mma.+ Nsanyareɛ a ɛdi awuo ne mogya bɛbu afa mo so, na mɛtwe mo so sekan.+ Me Yehowa na maka.’”