Hesekiel
4 “Na wo, onipa ba, fa birikisi to w’anim na yɛ Yerusalem kuro no mfoni* gu so. 2 Ka kuro no hyem+ na to akoban* fa ho,+ gye ban wɔ ho na twa ho hyia,*+ na fa mfidie a wɔde dwiri afasuo twa ho hyia.+ 3 Fa dadeɛ apampaa yɛ sɛ fasuo si wo ne kuro no ntam na gyene w’ani hwɛ; ma no nyɛ kuro a wɔaka ahyem; ka kuro no hyem. Wei yɛ sɛnkyerɛnne ma Israel fie.+
4 “Afei da wo benkum so, na fa Israel fie bɔne soa.*+ Nna dodoɔ a wobɛda wo nkyɛnmu nyinaa, wobɛsoa wɔn bɔne. 5 Na mede mfeɛ a wɔde yɛɛ bɔne no bɛma wo; ɛbɛyɛ nnafua 390 ama wo,+ na wobɛsoa Israel fie bɔne. 6 Hwɛ di so pɛpɛɛpɛ.
“Ɛno akyi no, wobɛda hɔ ne mprenu so wɔ wo nifa so, na wobɛsoa Yuda fie bɔne+ nnafua 40. Mede da koro biara ayɛ afe ama wo. 7 Afei dane w’ani kyerɛ Yerusalem a woaka ahyem no,+ na yi w’abasa ho na hyɛ nkɔm tia kuro no.
8 “Hwɛ, mede ahoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a worentumi nnane wo ho mfiri ɛfã baako nkɔ ɛfã foforɔ, kɔsi sɛ nna a wode bɛka ahyem no bɛba awieeɛ.
9 “Afei fa hwiit, baali,* apatram,* asɛdua, ayuo,* ne kɔkɔte* gu adeɛ baako mu, na fa yɛ paanoo, na di no nnafua 390+ a wode bɛda wo nkyɛnmu no nyinaa. 10 Wobɛkari aduane a wobɛdi, na da biara wobɛdi nnwetɛbena* 20. Wobɛdi no mmerɛ pɔtee bi mu.
11 “Nsuo a wobɛnom nso, wofa hin susutoa baako a, wobɛkyɛ mu nsia na woanom baako.* Wobɛnom no mmerɛ pɔtee bi mu.
12 “Wobɛdi paanoo no sɛdeɛ wɔdi baali paanoo a wɔabɔ no nkuruwankuruwa; nnipa tiafi a awo na wode bɛyɛ gya atõ no wɔn anim.” 13 Yehowa toaa so kaa sɛ: “Saa ara na Israelfoɔ bɛdi paanoo a ɛho nteɛ wɔ aman a mɛbɔ wɔn ahwete so no mu.”+
14 Afei mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wei deɛ ɛyɛ den. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatete ne mu mfa nguu me* ho fĩ da,+ na nam a ɛho nteɛ* biara nso nkaa m’ano da.”+
15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mate. Mede nantwibini asi nnipa tiafi ananmu ama wo sɛ tõ wo paanoo no wɔ so.” 16 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, merebɛma aduane ho ayɛ den* wɔ Yerusalem,+ na wɔde ahoyera kɛseɛ bɛdi aduane a wɔakari ama wɔn,+ na wɔde ehu anom nsuo a wɔasusu ama wɔn no.+ 17 Aduane* ne nsuo ho bɛyɛ den ara ma ahodwire nti, obiara bɛhwɛ ne yɔnko anim; wɔn bɔne nti wɔbɛtete pasaa.