Hesekiel
3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, we* deɛ wohunu yi. We nwoma mmobɔeɛ yi na kɔkasa kyerɛ Israel fie.”+
2 Enti mebuee m’anom, na ɔmaa mewee nwoma mmobɔeɛ no. 3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi, we na ɛnhyɛ wo yafunu ma.” Enti meweeɛ, na ɛyɛɛ m’anom dɛdɛɛdɛ te sɛ ɛwoɔ.+
4 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, kɔ Israel fie kɔka m’anom asɛm kyerɛ wɔn. 5 Wɔn a meresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no, ɛnyɛ ɔman a wɔka pɔtɔ kasa anaa kasa a wonteɛ, na mmom Israel fie. 6 Ɛnyɛ aman pii a wɔka pɔtɔ kasa anaa kasa foforɔ a wonte aseɛ nkyɛn na meresoma wo akɔ. Sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔbɛtie wo.+ 7 Nanso Israel fie deɛ, wɔrentie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me.+ Israel fie nyinaa yɛ asobrakyeɛ na wɔn akoma yɛ den.+ 8 Hwɛ, mama w’anim ayɛ den te sɛ wɔn anim, na wo moma so ayɛ den te sɛ wɔn moma so.+ 9 Mama wo moma so ayɛ sɛ dɛnkyɛmmoɔ, na ayɛ den sene ɛboɔ.*+ Nsuro wɔn na mmɔ hu wɔn anim;+ wɔyɛ atuatefoɔ.”*
10 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma nsɛm a mereka akyerɛ wo no nyinaa nna w’akoma so na tie. 11 Kɔ wo manfoɔ* a wɔatu wɔn afiri wɔn asaase so+ no nkyɛn kɔkasa kyerɛ wɔn. Sɛ wɔtie oo, wɔantie oo,+ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’”
12 Afei honhom bi maa me so,+ na metee sɛ nne bi rebobom wɔ m’akyi sɛ: “Animuonyam ne ayeyie nka Yehowa wɔ ne tenabea.” 13 Na metee ateasefoɔ* no ntaban a ɛretwitwi ho no nnyegyeeɛ,+ ntwahonan a ɛwɔ nkyɛn no nnyegyeeɛ,+ ne mmobɔmu kɛseɛ bi. 14 Honhom no maa me so kɔe; merekɔ no medii yea, na me bo fuu wɔ me mu,* na Yehowa nsa sɔɔ me mu dendeenden. 15 Enti mekɔɔ atukɔfoɔ a wɔtete Asubɔnten Kebar ho+ no nkyɛn wɔ Tel-Abib. Baabi a wɔteɛ no, metenaa wɔn mu nnanson; ná mayɛ bɔmm.+
16 Nnanson no awieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
17 “Onipa ba, mede wo ayɛ Israel fie wɛmfoɔ,+ enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+ 18 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’ na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefoɔ no amma no annyae ne bɔne na wannya nkwa+ a, ɔbɛwu ne bɔne mu ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo hɔ.*+ 19 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ na wamfiri n’amumuyɛ ho ne ne kwammɔne so a, ɔbɛwu ne bɔne mu, na wo deɛ, wobɛgye wo ho* nkwa.+ 20 Nanso sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne* a, mede suntidua bɛto n’anim na ɔbɛwu.+ Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, ne bɔne nti ɔbɛwu, na wɔrenkae adetenenee a ɔyɛeɛ no, nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo hɔ.*+ 21 Na sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bɔne, na sɛ wanyɛ bɔne a, ɔbɛnya nkwa ɛfiri sɛ woabɔ no kɔkɔ,+ na wo nso wobɛgye wo ho* nkwa.”
22 Yehowa honhom* baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ asaasetraa no so, na me ne wo bɛkasa wɔ hɔ.” 23 Enti mesɔre kɔɔ asaasetraa no so; menkɔhwɛ a, Yehowa animuonyam nie!+ Ná ɛte sɛ animuonyam a mehuu no Asubɔnten Kebar ho+ no, na mede m’anim butuu fam. 24 Ɛnna honhom baa me mu, na ɛmaa megyinaa me nan so,+ na Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ:
“Kɔhyɛ wo fie na tom. 25 Na wo, onipa ba, wɔde nhoma bɛkyekyere wo, na worentumi mfiri adi nkɔ wɔn nkyɛn. 26 Na mɛma wo kɛtrɛma afam wo dodom na woatɔre mum, na worentumi nkasa nkyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ. 27 Nanso sɛ me ne wo kasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn+ sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’ Deɛ ɔbɛtie ntie,+ na deɛ ɔrentie no nnyae, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ.+