Hesekiel
2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,* sɔre gyina wo nan so na me ne wo nkasa.”+ 2 Berɛ a ɔne me kasaeɛ no, honhom baa me mu, na ɛmaa megyinaa me nan so+ tiee deɛ ɔne me rekasa no.
3 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ nkyɛn,+ aman* atuatefoɔ a wɔasɔre atia me no.+ Wɔne wɔn agyanom ayɛ me bɔne de abɛsi nnɛ da yi.+ 4 Meresoma wo akɔ mma a wɔmmu adeɛ* na wɔn akoma yɛ den+ nkyɛn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’ 5 Sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhu sɛ odiyifoɔ bi tenaa wɔn mu.+ Wɔyɛ atuatefoɔ.*+
6 “Nanso onipa ba, nsuro wɔn,+ na wɔn nsɛm nso, nsuro. Ɛwom, nnipa a wɔasene wɔn kɔn ne nkasɛɛ*+ atwa wo ho ahyia, na wo ne nyanyankyerɛ na ɛteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm,+ na mmɔ hu wɔ wɔn anim;+ wɔyɛ atuatefoɔ. 7 Sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, wo deɛ, ka m’asɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.+
8 “Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ wo yi. Nyɛ wo ho otuatefoɔ te sɛ atuatefoɔ yi. Bue w’anom na we deɛ mede rema wo yi.”+
9 Berɛ a mehwɛeɛ no, mehuu sɛ nsa bi atene wɔ m’anim,+ na ɛkura nwoma mmobɔeɛ*+ a wɔatwerɛ mu. 10 Berɛ a ɔtrɛɛ mu wɔ m’anim no, mehuu sɛ wɔatwerɛ animu ne akyire nyinaa.+ Deɛ na wɔatwerɛ wom no yɛ awerɛhoɔ nnwom* ne abooboo ne esu.+