Hesekiel
1 Afe a ɛtɔ so 30, bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nnum no, ɔsoro bueeɛ, na menyaa anisoadehunu firii Onyankopɔn hɔ. Saa berɛ no, na me ne atukɔfoɔ no+ wɔ Asubɔnten Kebar ho.+ 2 Bosome no da a ɛtɔ so nnum no, na ɛyɛ berɛ a wɔkyee Ɔhene Yehoiakin+ kɔeɛ no afe a ɛtɔ so nnum. 3 Saa berɛ no na Yehowa de n’asɛm maa ɔsɔfoɔ Busi ba Hesekiel* wɔ Kaldeafoɔ+ asaase so wɔ Asubɔnten Kebar ho; ɛhɔ na Yehowa honhom* baa ne so.+
4 Merehwɛ no, mehuu ahum kɛseɛ+ bi sɛ ɛfiri atifi fam reba. Ná mununkum kɛseɛ ne egya*+ nso repa yerɛyerɛ. Ná hann a ano yɛ den atwa ne nyinaa ho ahyia, na na biribi te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra+ nso wɔ gya no mu. 5 Mehuu biribi a ayɛ sɛ ateasefoɔ*+ baanan wɔ mfimfini. Wɔn mu biara te sɛ onipa. 6 Wɔn mu biara wɔ anim nnan ne ntaban nnan.+ 7 Wɔn nan a ɛsisi fam no te sɛ obi a ɔgyina ne nansoaa so, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba nan ase, na ɛho hyerɛn te sɛ kɔbere a wɔatwi ho.+ 8 Wɔn ntaban nnan no, ebiara wɔ onipa nsa wɔ aseɛ, na wɔn baanan no biara wowɔ anim ne ntaban. 9 Wɔn ntaban no, ebiara ka ntaban foforɔ. Na sɛ wɔrekɔ a, wɔnnane wɔn ho; wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee.+
10 Sɛdeɛ wɔn baanan no anim teɛ nie: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, na ɔwɔ gyata anim+ wɔ nifa, na ɔsan wɔ nantwie anim+ wɔ benkum, na baanan no mu biara wɔ ɔkɔdeɛ anim+ nso. 11 Saa na na wɔn anim teɛ. Ná wɔn ntaban mu atrɛtrɛ kɔ soro. Wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu a baako ka baako, na mmienu nso kata wɔn ho.+
12 Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee. Baabiara a honhom no bɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ no, ɛhɔ na wɔkɔ.+ Na sɛ wɔrekɔ a, wɔnnane wɔn ho. 13 Ateasefoɔ no ho te sɛ nnyasramma a ɛredɛre. Na biribi a ɛte sɛ tɛnee* a ɛhyerɛn di akɔneaba wɔ ateasefoɔ no ntam, na anyinam pae firi egya+ no mu ba. 14 Sɛ ateasefoɔ no redi akɔneaba a, ɛte sɛ anyinam a ɛrepa yerɛyerɛ.
15 Berɛ a megu so rehwɛ ateasefoɔ no, mehuu ntwahonan baako wɔ asaase so wɔ ateasefoɔ a wɔwɔ anim+ nnan no biara nkyɛn. 16 Na sɛ wohwɛ ntwahonan no ne ne yɛbea a, ɛhyerɛn te sɛ sikabereɛboɔ, na nnan no nyinaa di nsɛ. Sɛdeɛ ne hwɛbea teɛ no, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ntwahonan a ntwahonan foforɔ hyɛ mu.* 17 Sɛ ntwahonan no biara rekɔ a, ɛtumi kɔ afã nnan no nyinaa, nanso ɛnnane ne ho. 18 Ntwahonan nnan no, ebiara hankra yɛ kokuroo ma no yɛ hu, na aniwa tuatua ho nyinaa hyia.+ 19 Baabiara a ateasefoɔ no bɛkɔ no, ntwahonan no kɔ bi, na sɛ wɔma ateasefoɔ no so firi asaase so a, ntwahonan no nso ma ne ho so.+ 20 Baabiara a honhom no bɛkyerɛ sɛ wɔnkɔ no, na wɔkɔ; baabi a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔn nso kɔ. Na ntwahonan no ma ne ho so a, ɛne ateasefoɔ no nyinaa na ɛma ne ho so, ɛfiri sɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefoɔ no so* no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu. 21 Sɛ wɔkɔ a, na ɛno nso kɔ; wɔgyina a, na agyina; sɛ wɔma wɔn so firi asaase so a, na ntwahonan no nso ama ne ho so, ɛfiri sɛ honhom a ɛyɛ adwuma wɔ ateasefoɔ no so no, ɛno ara bi na ɛwɔ ntwahonan no mu.
22 Ná biribi te sɛ bamma wɔ ateasefoɔ no atifi+ a ɛpa yerɛyerɛ sɛ ahwehwɛboɔ* nwanwasoɔ bi. 23 Wɔn ntaban no tene* na ɛdi nhwɛanimu wɔ bamma no ase. Wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne fã ha, na mmienu nso kata ne fã ha. 24 Berɛ a metee wɔn ntaban nnyegyeeɛ no, na ɛte sɛ nsuo pii a ɛreworo so; ɛte sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nnyegyeeɛ.+ Sɛ wɔnam a, mete wɔn nka te sɛ asraafoɔdɔm kɛseɛ nnyegyeeɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu gu wɔn ho.
25 Ɛnne bi firi bamma a ɛwɔ wɔn atifi no so baeɛ. (Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu gu wɔn ho.) 26 Ná biribi te sɛ hoaboɔ+ wɔ bamma a ɛwɔ wɔn atifi no so, na na ɛsɛ ahennwa.+ Ná obi a ɔsɛ onipa+ te deɛ ayɛ sɛ ahennwa no so. 27 Mehuu biribi a ɛhyerɛn te sɛ sika ne dwetɛ a adi afra,+ na wohwɛ baabi a ayɛ sɛ n’asene rekɔ soro no a, na ɛte sɛ gya; ɛfiri n’asene reba fam nso, mehunuu biribi te sɛ gya.+ Ná ne ho nyinaa hyerɛn 28 te sɛ nyankontɔn+ a ɛwɔ mununkum mu sutɔ da. Saa na na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ. Ná ɛte sɛ Yehowa animuonyam.+ Berɛ a mehunuiɛ no, mede m’anim butuu fam, na metee sɛ obi rekasa.